Add parallel Print Page Options

Mpae a wɔbɔ tia atamfo

108 Mewɔ gyidi, O Onyankopɔn! Mɛto dwom makamfo wo! Me kra, keka wo ho!

Me sanku ne me bɛnta, monkeka mo ho! Mɛma owia akeka ne ho. O Awurade, mɛda wo ase aka aman ho! Meyi wo ayɛ aka nnipa ho. Wo dɔ a wowɔ daa no adu ɔsoro atifi, na wo nokware kɔka wim. Kyerɛ wo kɛseyɛ wɔ soro, O Onyankopɔn, ne w’anuonyam wɔ asase so nyinaa. Fa wo tumi gye yɛn nkwa; bua me mpaebɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye nkurɔfo a wodɔ wɔn no.

Onyankopɔn aka wɔ ne kronkron mu kronkron hɔ se, “Ahurusi mu, mɛkyɛ Sekem mu na makyekyɛ Sukot Bon no mu ama me nkurɔfo. Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dade kyɛw, ɛnna Yuda nso yɛ m’adehye akyeampoma. Nanso mede Moab bɛyɛ me guasɛn na matow me mpaboa agu Edom so de akyerɛ sɛ ɔyɛ me de. Mɛteɛm ahurusi so magu Filistifo so.”

10 O Onyankopɔn, hena na ɔde me bɛkɔ kurow a wɔrewɛn no mu? Hena na ɔde me bɛkɔ Edom?

11 Nokware sɛ woapo yɛn anaa? Woremfa yɛn nsraadɔm ntu sa anaa? 12 Boa yɛn na yentumi nnyina yɛn atamfo anim; ɔdasani mmoa nni mu. 13 Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim; obedi yɛn atamfo so.