Add parallel Print Page Options

Yesu anuonyam da adi

Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi sɛ mubehu sɛ, Onyankopɔn Ahenni no reba tumi mu!”

Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Saa bere no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakrae anuonyam mu. N’atade hyerɛn yɛɛ fitafita sen sɛnea obi betumi ahoro saa atade no ama ayɛ fitaa no. Afei Elia ne Mose befii hɔ. Na wɔne Yesu kasae!

Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, na mo mu biara anya baako.”

Esiane sɛ na wɔabɔ hu no nti, na ɛma ɔkaa saa.

Petro gu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi fii omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔ Ba a ɔsɔ m’ani. Muntie no.”

Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, na Mose ne Elia kɔ, ama aka wɔne Yesu nko ara.

Wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nea wɔahu no nnkyerɛ obiara kosi sɛ, ɔbɛsɔre afi awufo mu. 10 Asuafo no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho se, n’asɛm a ɔkae se, “Menyan afi awufo mu” no, na ɔkyerɛ dɛn?

11 Afei, n’asuafo no bisaa no nea enti a daa Yudafo mpanyin no ka se, ɛsɛ sɛ Elia san ba ansa na Onipa Ba no aba no. 12 Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yiye.

13 Na mpo, Elia aba dedaw! Na wɔne no anni no yiye sɛnea adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm no. Afei, Yesu bisaa wɔn nkɔm a adiyifo no hyɛe se, Onipa Ba no behu amane, na wɔabu no animtia no ase.

Yesu sa abarimaa bi a ɔwɔ honhommɔne yare

14 Bere a wosian beduu bepɔw no ase hɔ no, wohui sɛ nnipakuw atwa asuafo baakron a wɔaka no ho ahyia, na wɔne Yudafo mpanyin no regye wɔn ho wɔn ho akyinnye. 15 Bere a Yesu reba nnipakuw no nkyɛn no, wɔde ahodwiriw hwɛɛ no, tuu mmirika, kohyiaa no. 16 Yesu bisaa wɔn se, “Akyinnye a na moregye no fa dɛn ho?”

17 Nnipa no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sɛ sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa. 18 Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, etwa no hwe fam, ma n’ano twa ahuru, ma ɔtwɛre ne se, ma osinsen. Ɛno nti, mesrɛɛ w’asuafo no sɛ wontu honhommɔne no mfi ne mu, nanso wɔantumi.”

19 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “O, mo a mo gyidi sua, me ne mo ntena nkosi da bɛn ansa na mo gyidi atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”

20 Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Bere a wɔde no duu Yesu anim pɛ no, ɔyare no bae denneenen, twaa no hwee fam, ma ɔperee a n’ano retwa ahuru.

21 Yesu bisaa abrimaa no agya se, “Nna ahe ni a ɔyare yi baa ne so?” Abarimaa no agya buaa Yesu se, “Efi ne mmofraase pɛɛ; 22 na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu, pɛ sɛ ekum no. Enti sɛ wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn.”

23 Yesu bisaa no se, “Adɛn nti na woka se, sɛ metumi a? Obiara a ɔwɔ gyidi no betumi ayɛ biribiara.”

24 Abarimaa no agya buae se, “Mewɔ gyidi no nanso esua, enti boa me, na hyɛ me gyidi mu den!”

25 Yesu hui sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteɛɛ honhommɔne no se, “Honhommɔne sotifo ne mumu, mehyɛ wo sɛ, fi abofra yi mu fi. Nkɔhyɛ ne mu bio!”

26 Afei, ɔyare no bae denneenen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufo. Enti, nnipakuw no kasae huhuhuhu se “wawu.” 27 Nanso, Yesu soo ne nsa, pagyaw no ma ogyinaa ne nan so a ne ho atɔ no. 28 Eyi akyi a Yesu ne n’asuafo no nko ara wɔ fie no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu saa honhommɔne no?”

29 Yesu buaa wɔn se, “Mpaebɔ ho hia wɔ ɔyare a ɛte sɛɛ sa mu.”

Yesu wu ho nkɔmhyɛ

30 Yesu fii hɔ no, ɔfaa Galilea, efisɛ, na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka. 31 Na ɔpɛ sɛ onya bere ma n’asuafo no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobeyi me a meyɛ Onipa Ba no ama, na wɔakum me, na nnansa so, mɛsɔre aba nkwa mu bio.”

32 Asuafo no ante asɛm a ɔkae yi ase, nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.

Hena ne ɔkɛse

33 Yesu ne n’asuafo no baa Kapernaum. Bere a woduu ofi a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa n’asuafo no se, “Yɛreba no, dɛn akyinnye na na moregye wɔ kwan so no?”

34 Asuafo no antumi ammua efisɛ, na wɔredwinnwen nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse no ho.

35 Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abofra anaa ɔsomfo wɔ mo mu!”

36 Afei, ɔde abofra ketewa bi begyinaa wɔn mfinimfini. Ɔde abofra no kyerɛɛ wɔn kae se, 37 “Mo mu biara a me nti obegye abofra ketewa sɛ oyi no, agye me, na nea obegye me no nso agye m’agya a ɔsomaa me no!”

Nea ontia yɛn no wɔ yɛn afa

38 Yohane a ɔyɛ asuafo no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yehuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne; enti yɛka kyerɛɛ no se onnyae, efisɛ, ɔnka yɛn ho.”

39 Yesu kae se, “Munnsiw no kwan. Efisɛ, obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwowade wɔ me din mu na obetwa ne ho atia me. 40 Na obiara a ontia yɛn no wɔ yɛn afa. 41 Obiara a esiane sɛ, moyɛ Kristo de no nti, ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom no, n’akatua remmɔ no da. 42 Enti, sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi mu bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbo duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, atow no akyene po mu.

43 “Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wɔde wo nipadua bɛto ogyatanaa 44 a ennum da no mu. 45 Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wode nan abien bɛkɔ ogyatanaa 46 a ennum da no mu.

47 “Na sɛ w’ani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto ogyatanaa 48 a ennum da na ɛhɔ asonson nso nwu da no mu. 49 Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.

50 “Nkyene yɛ dɛ. Nanso, sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛho nni mfaso; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti monnyera mo dɛ! Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.”