Add parallel Print Page Options

Wɔpam Yesu tiri so

14 Aka nnanu na Twam ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafo ahomegye nna no adu no, asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ nyansa kwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no.

Nanso, wɔkae se, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu.”

Wɔsra Yesu ngo wɔ Betania

Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbea bi a okita ngo huamhuamhuam bi a ne bo yɛ den toa ma baa hɔ. Otuu ano, hwie guu Yesu tirim.

Nea ɔbea yi yɛe no anyɛ nnipa a wɔte adidii no mu bi dɛ. Na wɔkae se, wasɛe ngo no kwa.

Wɔkae bio nso se, “Anka obetumi atɔn ngo huamhuamhuam yi anya sika pii ma ɔde ama ahiafo.”

Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnyaa no! Adɛn nti na morehaw no wɔ ade pa a ɔyɛe no ho? Mo ne ahiafo a mubetumi aboa wɔn bere biara mu na ɛte. Na me de, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn.

“Wayɛ nea obetumi. Wadi kan asra me nipadua ama da a wobesie me. Mereka makyerɛ mo se, baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no wɔ wiase no, wɔde nea ɔbea yi yɛe no bɛkae no, akamfo no.”

Yuda pene so sɛ obeyi Yesu ama

10 Afei, Yuda Iskariot, asuafo dumien no mu baako, kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛnea obeyi Yesu ama wɔn no ho.

11 Asɔfo mpanyin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ sɛnea obenya Yesu ho kwan ayi no ama bere a ɛsɛ mu.

Yesu ne n’asuafo adidi

12 Twam Afahyɛ no da a edi kan a wokum Twam guan no, n’asuafo bisaa no faako a wɔbɛkɔ akodi Twam no. 13 Ɔsomaa n’asuafo no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wonkosiesie baabi mma no. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kurow no mu a, mubehyia onipa bi a ɔso ahina. Munni n’akyi. 14 Baabiara a obewura no, monka nkyerɛ ofiwura no se, ‘Yɛn wura asoma yɛn sɛ, yɛmmɛhwɛ ɔdan a woasiesie ama yɛn a yebedi Twan no wɔ mu no.’ 15 Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na munsiesie Twam no mma yɛn.”

16 Asuafo baanu no siim kɔɔ kurow no mu, na wohuu biribiara sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wosiesiee Twam no wɔ hɔ.

17 Eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae. 18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae se, “Merema mo ate ase sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako beyi me ama.” 19 Wɔn nyinaa werɛ howee, na wofitii ase bisae mmaako mmaako se, “Ɛyɛ me anaa?”

20 Obuaa wɔn se, “Ɛyɛ mo dumien a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako.

21 Ɛsɛ sɛ miwu sɛnea adiyifo no hyɛɛ me ho nkɔm no, nanso onipa a obeyi me ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye!”

Awurade adidi asehyɛ

22 Bere a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae se, “Munnye nni; eyi ne me nipadua.”

23 Afei ɔfaa kuruwa a nsa dɔkɔdɔkɔ wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi. 24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den a bebree nti wɔrehwie agu. 25 Mereka akyerɛ mo se, merennom saa nsa dɔkɔdɔkɔ yi bio da akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.” 26 Wɔtoo dwom bi wiei no, wofii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

Yesu hyɛ Petro pa a ɔbɛpa no no ho nkɔm

27 Woduu nea wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa beguan agya me. Efisɛ, Onyankopɔn nam adiyifo no so kae se, “Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguan no abɔ apete.’

28 Na sɛ wɔma me so na mesan ba nkwa mu bio a, medi mo anim akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.”

29 Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da!

30 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mpɛn abien no, na woapa me mpɛn abiɛsa.”

31 Petro de anibere kae se, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kae.

Yesu bɔ mpae wɔ Getsemane

32 Yesu ne n’asuafo no duu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Montena ha, na merekɔbɔ mpae aba.”

33 Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fitii ase yeraw no, na ɔyɛɛ basaa. 34 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”

35 Ɔkɔɔ n’anim kakra, kobutuw fam bɔɔ mpae se, sɛ ebetumi a, saa ahoyeraw no ntwa ne ho nkɔ.

36 Ɔkae se, “Aba, Agya! Wutumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ, na ɛnyɛ nea mepɛ.”

37 Ɔsan bae no, obehuu asuafo baasa no sɛ wɔadeda. Obisaa Petro se, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo? 38 Monwɛn na mommɔ mpae na ɔsɔhwɛfo no anni mo so. Honhom no pɛ de, na honam no na ɛyɛ mmerɛw.”

39 Ɔsan kɔe bio kɔbɔɔ mpae koro no ara. 40 Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behui sɛ wɔadeda, efisɛ, na wɔabrɛbrɛ. Na wonhu nea wɔnka nkyerɛ no.

41 Ɔsan bae ne mprɛnsa so no, obisaa wɔn se, “Mugu so adeda a morehome? Bere a ɛsɛ sɛ mode da no atwam. Wɔrebeyi me ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa. 42 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, nea ɔreyi me ama no wɔ ha!”

Wɔkyere Yesu

43 Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ n’asuafo no mu baako ne dɔm a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin asoma wɔn ka ne ho a, wokitakita nkrante ne mmaa baa hɔ.

44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dedaw se, “Nea mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne nea mohwehwɛ no no. Monkyere no, na munso ne mu yiye mfa no nkɔ.” 45 Ɛno nti, woduu hɔ pɛ, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kae se, “Me Wura.” Afei ɔyɛɛ no atuu. 46 Ɛhɔ ara, na dɔm a wɔne Yuda nam no soo Yesu mu kyeree no. 47 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne nkrante de twaa ɔsɔfo panyin no akoa bi aso ma ɛtewee.

48 Yesu bisaa wɔn se, “Meyɛ owudifo nti na mode nkrante ne mmaa aba me so rebɛkyere me anaa? 49 Adɛn na bere a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankyere me? Nanso, eyinom nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛe wɔ me ho no bɛba mu.”

50 Asuafo no nyinaa guan gyaa no.

51 Aberante bi a ɔde ntama sin bi asi n’asen dii n’akyi. 52 Dɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛe sɛ wɔkyere no, nanso ogyaw ne ntama no maa wɔn, de ne ho saa ara guanee.

Yesu gyina ɔsɔfo panyin anim

53 Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfo Panyin no anim no, ankyɛ na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi behyiaa hɔ. 54 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tew ne ho dii wɔn akyi, na owiawiaa ne ho kɔhyɛɛ ɔsɔfo panyin no fi hɔ de ne ho kɔfraa asomfo bi a na wɔreto gya no mu.

55 Asɔfo mpanyin ne baguafo no nyinaa hwehwɛe sɛ wobenya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso wɔannya bi. 56 Nnipa pii bedii adansekurum tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkae no bɔɔ abira.

57 Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ennim too no so se, 58 “Yɛtee sɛ ɔkae se, ‘Mebubu asɔredan a wɔde nsa na esii no, na mede nnansa asi foforo a wɔamfa nsa ansi!’” 59 Na eyi mpo, wɔn adanse no anhyia.

60 Ɔsɔfo panyin no sɔre gyinaa bagua no mfinimfini bisaa Yesu se, “Eyi nso, wunni ho anoyi biara? Dɛn na wowɔ ka?”

61 Yesu ammua no. Afei ɔsɔfo panyin no bisaa no bio se, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no anaa?”

62 Yesu buaa no se, “Mene no, na mubehu me sɛ mete Onyankopɔn nifa, na menam omununkum mu resan aba asase so.”

63 Eyi maa ɔsɔfo panyin no sunsuanee n’atade mu kae se, “Adansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? 64 Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no. Dɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa gye too mu se, ɔsɛ owu.

65 Na ebinom tew ntasu guu no so, na wɔkyekyeree n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no se, “Wuse woyɛ odiyifo, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfo a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotɔre.

Petro pa Yesu

66 Bere a na Petro te adiwo hɔ no, ɔsɔfo panyin no mmaawa no mu baako baa hɔ; 67 na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no se, “Wo nso wo ne Nasaretni Yesu no na ɛnam!”

68 Petro sanee se, “Minnim nea woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ofii adi kɔtenaa nkyɛn baabi. Saa bere no ara na akokɔ bɔnee.

69 Abeawa no san huu no, na ofitii ase ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no se, “Oyi nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafo no mu baako!”

70 Petro sanee bio. Ɛkyɛɛ kakra no, nnipa a wogyina ogya no ho no fitii ase ka kyerɛɛ Petro se, “Woka wɔn ho, efisɛ, woyɛ Galileani!”

71 Petro fitii ase kekaa ntam dii nsew se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”

72 Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee nea ɛto so abien. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn mpɛn abien na woapa me mpɛn abiɛsa” no. Na ofitii ase sui.