Add parallel Print Page Options

Abasɛm a Yesu kae

12 Yesu nam mmebu so kyerɛɛ nnipa no se: “Da bi, okuafo bi yɛɛ mmɛfuw, gyee ban faa ho, na otuu amoa bi a wokyi ngo wɔ mu, na osii dan maa nea ɔwɛn afuw no. Afei, ɔde afuw no gyaw akuafo bi na otuu kwan. Eduu bere a mmɛ no beree a ɛsɛ sɛ wonu no, ɔsomaa ne ho nnipa bi sɛ ɔnkogye ne kyɛfa mmrɛ no. Nanso, akuafo no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔe.

“Okuafo no san somaa onipa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no pirapiraa no sen nea odi kan no. Onipa a ɔsomaa no bio no de, wokum no. Afoforo a akyiri yi wɔkɔe no nso, wɔhwee ebinom, na wokum ebinom nso. Nanso, na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn susuwii sɛ, wɔbɛfɛre no de nidi ama no.

“Nanso, bere a akuafo no huu no sɛ ɔreba no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no. Momma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn de!’ Wɔkyeree no, kum no, twee no kɔtow no kyenee baabi.

“Mugye di sɛ, sɛ afuw wura no ba a dɛn na ɔbɛyɛ akuafo no? Ɔbɛba abekum wɔn, na ɔde afuw no ama nnipa foforo. 10 Monkan eyi wɔ Kyerɛwsɛm no mu pɛn sɛ: ‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatibo. 11 Awurade na ɔmaa eyi bae, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so.’ “

12 Na esiane saa bɛ a obui no nti, Yudafo mpanyin no pɛe sɛ wɔkyere no, efisɛ, wohui sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafo atirimɔdenfo no. Nanso na wosuro dɔm no. Eyi ma wogyaa no, na wɔfii hɔ kɔe.

Towgye ho asɛmmisa

13 Wɔsomaa Farisifo ne Herodefo bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam n’anom asɛm so anya no akyere no. 14 Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo a, wotaa ka nokware. Nea onipa ka no ntumi nnan w’adwene. Afei wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yebisa wo se, eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?”

15 Yesu huu wɔn adwemmɔne no kae se, “Momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuae.”

16 Wɔde maa no no, obisaa wɔn se, “Hena mfonini ne nkyerɛw na ɛwɔ so?” Wobuae se, “Ɔhempɔn no de.”

17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnne momfa ne de mma no, na momfa Onyankopɔn de mma Oyankopɔn!” Ne mmuae no maa wɔn ho dwiriw wɔn.

Owusɔre ho asɛmmisa

18 Afei Sadukifo a wɔka se owusɔre nni hɔ no, baa ne nkyɛn bebisaa no se,

19 “Kyerɛkyerɛfo, Mose yɛɛ mmara maa yɛn se, sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma mma owufo no. 20 Anuanom baason bi tenaa ase. Nea odi kan no waree yere, na ɔne no anwo na owui. 21 Na nea ɔto so abien no nso waree okunafo no, na ɔno nso ankyɛ na owui a ɔne no anwo. Na nea ɔto so abiɛsa no nso waree no a, ɔne no anwo na owui. 22 Eyi kɔɔ so kosii sɛ anuanom yi nyinaa waree ɔbea no, na ɔbea no nso wui.

23 “Nea yɛpɛ sɛ yehu ne sɛ, owusɔre no mu, sɛ wonya sɔre a, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere?”

24 Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moyɛ no fi onim a munnim Kyerɛwsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ.

25 Sɛ anuanom baason yi ne ɔbea no sɔre fi awufo mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ soro no.

26 “Afei ɛfa awufo nyan no ho no nso, monkanee Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne wura a na ɛrehyew no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’

27 “Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose se, ɛwom sɛ, saa nnipa yi awuwu mfe pii a atwam no de, nanso wɔte ase. Anyɛ saa a anka ɔrenka se ɔyɛ ateasefo Nyankopɔn, na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn. Moayɛ mfomso kɛse.”

28 Mmara no akyerɛkyerɛfo no mu baako a ogyina hɔ retie no no hui sɛ, wabua wɔn sɛnea ɛfata no, ɔbisaa no se, “Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”

29 Yesu buaa no se, “Nea ɛkyɛn ne nyinaa ne nea ɛka se, ‘Israel, tie! Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro; 30 na dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma ne wo kra ne w’adwene ne w’ahoɔden nyinaa mu,’ no.

31 “Na nea ɛto so abien no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”

32 Mmara no akyerɛkyerɛfo no buaa no se, “Owura, woaka nokware sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforo nka ne ho, 33 na minim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afi me koma ne m’adwene ne m’ahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sen afɔre biara a wɔbɔ.”

34 Yesu hui sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no se, “Wo ne Onyankopɔn Ahenni ntam kwan nware.” Na saa asɛm yi akyi, obi antumi ammisa no asɛm biara bio.

Onipa Ba no ho asɛmmisa

35 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, obisaa nnipa no se, “Adɛn na mmara no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ ɔhene Dawid ba.? 36 Efisɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kae se, Onyankopɔn ka kyerɛɛ me wura se: Tena me nifa so kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.’ 37 Sɛ Dawid frɛ no Awurade a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” Ɔkwan a ɔfaa so kasae no maa nnipa no de anigye tiee no.

Kyerɛwfo no kɔkɔbɔ

38 Bere bi a nnipakuw bi de anigye retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho yiye wɔ mmara no akyerɛkyerɛfo ho! Wɔhyɛ ntade akɛse sɛ asikafo na sɛ wɔnam gua so a, wɔpɛ sɛ obiara a ohyia wɔn no de obu kyia wɔn. 39 Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a, wɔtenatena mpanyin agua so, na sɛ wɔkɔ adidi ase a, wɔtena mpanyin tenabea. 40 Nanso ɛnyɛ wɔn aniwu sɛ wotu akunafo fi wɔn afi mu, na wɔyɛ eyi a, wɔbɔ mpae atenten wɔ guam de kyerɛ sɛ wɔyɛ atreneefo. Eyi nti wobenya asotwe a emu yɛ duru.”

Ɔbea kunafo hiani bi

41 Da bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa tow adaka a esi hɔ no anim hwɛɛ sɛnea nkurɔfo no de sika regu tow adaka no mu. Asikafo no de sika a ɛdɔɔso guu mu. 42 Ɔbea kunafo hiani bi nso bae na ɔde mpɛsewa abien beguu mu.

43 Ɔfrɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Saa ɔbea kunafo hiani yi tow a oyii no dɔɔso sen asikafo a wɔde bi beguu tow adaka no mu no nyinaa tow a woyiyii no. 44 Na wɔn nyinaa fi nea wɔanya ama abu wɔn so no mu na woyiyii bi de bae, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa na abegu mu no.”