Add parallel Print Page Options

Yesu fiti ne nnwuma ase

Kaesare Tiberio dii ade ne mfe dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ sare so. Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so; na Lisania di Abilene mansinhene, ɛnna Hana ne Kaifa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin. Yohane kyinkyinii asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛɛ nnipa sɛ wɔmma wɔmmɔ wɔn asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra afi wɔn bɔne ho na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.

Sɛnea odiyifo Yesaia kae se, “Ɛnne bi teɛm sare so se, ‘Munsiesie kwan mma Awurade; momma n’atempɔn nteɛ. Mmepɔw bedwiriw, abon nyinaa bɛyɛ ma. Nea akyea bɛteɛ; akwammɔne bɛyɛ akwan pa. Na nnipa nyinaa behu Onyankopɔn nkwagye.’ “

Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho? Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ, Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo. Sɛ moammu ɔbra pa a, ɛnne na mote sɛ dua a ɛnsow aba a wɔde abonnua ato ase rebetwa akyene, ahyew no no.”

10 Nnipakuw no bisaa no se, “Na ɛnne na dɛn na yɛnyɛ?”

11 Yohane buaa wɔn se, “Sɛ wowɔ ntama abien a, ma nea onni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduan a, ma nea onni bi no bi.”

12 Towgyefo a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?”

13 Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.”

14 Asraafo bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?” Yohane buaa wɔn se, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!”

15 Esiane sɛ saa bere no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wosusuw sɛ Yohane ne Agyenkwa no.

16 Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di m’akyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikata. Ɔno de, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 17 Ɔno na sɛ ɔba a, obehuw mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.” 18 Ɔnam afotu horow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

Yohane afiaseda

19 Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahorow a na ɔyɛ no ho. 20 Eyi maa Herode de Yohane too afiase.

Yesu asubɔ

21 Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiei no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiei a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei. 22 Honhom Kronkron sianee te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi soro kae se, “Wone me dɔ Ba a wosɔ m’ani.”

Awo ntoatoaso a efi Yesu so kosi Adam so

23 Yesu fitii n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe aduasa. Nkurɔfo susuwii sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef n’agya ne Eli. 24 Eli n’agya ne Mattat; Mattat n’agya ne Lewi; Lewi n’agya ne Melki; Melki n’agya ne Yanai; Yanai n’agya ne Yosef; 25 Yosef n’agya ne Matatia; Matatia n’agya ne Amos; Amos n’agya ne Nahum; Nahum n’agya ne Hesli; Hesli n’agya ne Nagai; 26 Nagai n’agya ne Mahat; Mahat n’agya ne Matatia; Matatia n’agya ne Semein; Semein n’agya ne Yosek; Yosek n’agya ne Yoda; 27 Yoda n’agya ne Yohanan; Yohanan n’agya ne Resa; Resa n’agya ne Sorobabel; Sorobabel n’agya ne Sealtiel; Sealtiel n’agya ne Neri; 28 Neri n’agya ne Melki; Melki n’agya ne Adi; Adi n’agya ne Kosam; Kosam n’agya ne Elmadam; Elmadam n’agya ne Er; 29 Er n’agya ne Yosua; Yosua n’agya ne Elieser; Elieser n’agya ne Yorim; Yorim n’agya ne Matat; Matat n’agya ne Lewi; 30 Lewi n’agya ne Simeon; Simeon n’agya ne Yuda; Yuda n’agya ne Yosef; Yosef n’agya ne Yonam; Yonam n’agya ne Eliakim; 31 Eliakim n’agya ne Melea; Melea n’agya ne Mena; Mena n’agya ne Matata; Matata n’agya ne Natan; Natan n’agya ne Dawid; 32 Dawid n’agya ne Yisai; Yisai n’agya ne Obed; Obed n’agya ne Boas; Boas n’agya ne Sala; Sala n’agya ne Nahson; 33 Nahson n’agya ne Aminadab; Aminadab n’agya ne Admin; Admin n’agya ne Arni; Arni n’agya ne Herson; Herson n’agya ne Peres; Peres n’agya ne Yuda; 34 Yuda n’agya ne Yakob; Yakob n’agya ne Isak; Isak n’agya ne Abraham; Abraham n’agya ne Tera; Tera n’agya ne Nahor; 35 Nahor n’ agya ne Serug; Serug n’agya ne Reu; Reu n’agya ne Peleg; Peleg n’agya ne Eber; Eber n’agya ne Sala; 36 Sala n’agya ne Kainan; Kainan n’agya ne Arfaksad; Arfaksad n’agya ne Sem; Sem n’agya ne Noa; Noa n’agya ne Lamek; 37 Lamek n’agya ne Metusala; Metusala n’agya ne Henok; Henok n’agya ne Yared; Yared n’agya ne Mahaleleel; Mahaleleel n’agya ne Kainan; 38 Kainan n’agya ne Enos; Enos n’agya ne Set; Set n’agya ne Adam; Adam n’agya ne Onyankopɔn.