Add parallel Print Page Options

Nyaatwomyɛ ho kɔkɔbɔ

12 Nnipa mpempem kyeree so a wonnya baabi ntu wɔn nan nsi mpo no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no kan se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo nyaatwom a etɛ sɛ mmɔkaw no ho. Biribiara a wɔyɛ no kokoam no bɛda adi na nea ahintaw no nso bepue. Enti nea moaka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu. Na nea moaka no asomsɛm wɔ adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuru.

Onipa a munsuro no

“Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo se, munnsuro wɔn a wokum nipadua na ɛno akyi wontumi nyɛ hwee bio no. Na mɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ musuro no. Munsuro nea wakum onipadua no awie no ɔwɔ tumi sɛ ɔtow kyene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo se, oyi na munsuro no.

“Wɔntɔn mmuruburu anum nnye sidi abien? Nanso Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da. Mo tinhwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, efisɛ, mosom bo sen mmuruburu dodow biara.

Kristo ne Honhom Kronkron

“Na mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Kristo no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfo anim. Na nea ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfo anim. 10 Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da.

11 “Sɛ wɔde mo ba mpanyin anim wɔ hyia adan mu a, munnnwinnwen nsɛm a mobɛka anaasɛ nea mode beyi mo ho ano no ho, 12 efisɛ, saa bere no ara mu Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.”

Adifudepɛ ho kɔkɔbɔ

13 Obi fi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapade a yɛn agya de agyaw yɛn no mu.”

14 Yesu buaa no se, “Damfo, hena na ɔyɛɛ me ɔtemmufo ne mo agyapadekyɛfo sɛ memmɛkyɛ mo agyapade mu mma mo? 15 Ɔtoaa so se, “Monhwɛ mo ho yiye wɔ adifudepɛ ho, efisɛ, onipa nkwa nnyina n’ahonya dodow a ɔwɔ so.”

16 Afei obuu wɔn bɛ yi se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbae pii. 17 Esiane sɛ na ne nnɔbae no nkɔ pata a wabɔ no so nti, ɛyɛɛ no dadwene ma obisaa ne ho se, ‘Minnya baabi a mede me nnɔbae bebrebe yi begu yi, menyɛ no dɛn?’ 18 Afei ɔkae se, ‘Minim nea mɛyɛ. Mebubu m’apata yi nyinaa na mabɔ no akɛse de nea mewɔ nyinaa asie hɔ. 19 Na maka akyerɛ me kra se, ‘Ɔkra, ma w’ani nnye na didi, na nom efisɛ, wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfe bebree!’

20 “Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi, wobegye wo kra afi wo nsam, na hena na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode begyaw no?’

21 “Ɛno nti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapade ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefo Onyankopɔn anim ne no.”

Fa wo ho to Onyankopɔn so

22 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. 23 Ɔkra som bo sen aduan na onipadua nso som bo sen ntama. 24 Monhwɛ kwaakwaadabi, wonnua aba ɛnna wontwa. Saa ara nso na wonni pata a wɔde wɔn nnɔbae sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan di. Monsom bo nsen wɔn anaa?

25 “Munnnwinnwen mo nkwa ho. Mo mu hena na obetumi de da koro ato ne nna so? 26 Na sɛ muntumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sɛɛ mpo a, adɛn na mudwinnwen nneɛma akɛse ho?

27 “Monhwɛ sɛnea sukooko nyin. Wɔnyɛ adwuma, ɛnna wɔnnwene ntama mfura. Nanso Salomo ahonya nyinaa mu, na onni ntama a ɛyɛ fɛ sɛ saa nhwiren no mu baako mpo. 28 Mo a mo gyidi hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wuram nhwiren a efifi nnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn nti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ. 29 Saa ara nso na munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom ho. 30 Saa nneɛma yi na wiase amanaman pere hwehwɛ nanso mo de, mo agya nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo. 31 Enti monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni kan na ɔde eyinom nyinaa bɛma mo.

32 “Ekuw ketewaa, munnsuro, efisɛ, ɛyɛ mo agya no pɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo. 33 Montontɔn mo ahode na monkyɛ ahiafo ade. Eyi bɛma mo agyapade a ɛwɔ soro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapade wɔ soro, nea owifo ntumi nkowia na mfɔte ntumi nkɔwe. 34 Na nea wo agyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.

Monwɛn

35 Munnyina pintinn na momma mo akanea nhyerɛn, 36 na monyɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforohyia ase a, sɛ ɔba na ɔbɔ pon mu pɛ a, wobebue no ntɛm no. 37 Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔretwɛn no no ani begye. Ɔbɛtow wɔn pon na ɔno ankasa asom wɔn. 38 Sɛ ɔba dasum anaa ahemanakye mpo a, asomfo a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no no, ani begye.

39 “Ɛsɛ sɛ muhu sɛ, sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifo no annya ne ho kwan ammɛbɔ no korɔn. 40 Enti munsiesie mo ho ntwɛn Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, efisɛ, munnim bere ko a ɔbɛba.”

41 Petro bisaa Yesu se, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?”

42 Yesu buaa no se, “Merekasa akyerɛ ɔsomfo nokwafo nyansafo biara a ne wura de ne fi sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduan wɔ ne bere mu. 43 Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ n’adwuma pɛpɛɛpɛ. 44 Nokwarem, ɔde n’agyapade nyinaa bɛhyɛ ne nsa.

45 “Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfo yi nso ka se, ‘Me wura nnya mmae’ na ɛno nti, ɔhwe asomfo a aka no, na odidi, nom nsa bow a, 46 ne wura no bɛba da a n’ani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe n’aso dennen na wabu no sɛ obi a onnye Onyankopɔn nni. 47 Ɔsomfo a onim nea ne wura pɛ na wanyɛ ne wura no apɛde no wɔbɛbɔ no mmaa pii.

48 “Na ɔsomfo a onnim nea ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ nea ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wobebisa pii afi ne nkyɛn; na nea wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, obebu bebree ho nkontaa.

Mpaapaemu

49 “Maba sɛ merebɛsɔ ogya wɔ asase so na sɛ asɔ dedaw a, na nea merehwehwɛ ara ne no. 50 Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ gye sɛ wɔabɔ me saa asu no ansa.

51 “Mususuw sɛ mebae sɛ mede asomdwoe reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoe na mede bae na mmom mpaapaemu. 52 Efi nnɛ, mpaapaemu bɛba afi mu, baasa bɛba m’afa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba m’afa na baasa atia me. 53 Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɛna ne ne babea renyɛ adwene, ase ne ase adwene renhyia.”

54 Na ɔka kyerɛɛ nnipakuw no nso se, “Sɛ muhu sɛ osu amuna wɔ atɔe a, ntɛm ara, moka se, ‘Osu bɛtɔ’! Na osu tɔ ampa.

55 “Saa ara nso na sɛ muhu sɛ mframa bɔ fi anafo reba a, moka se, ‘Ahohuru bɛba!’ Na ɛba mu ampa. 56 Mo nyaatwomfo! Mutumi kyerɛ wim nsakrae ase, nanso nneɛma a ɛnnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne nea ɛbɔ mo kɔkɔ no de, munhu. 57 Adɛn nti na munim nea eye na monyɛ?

58 “Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kohu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asennii amma ɔtemmufo amfa wo anto afiase. 59 Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.”