Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Welcome to the new Bible Gateway. Take a quick tour and see what’s new.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
We’ve made some updates. Have feedback?
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Luka 5  Nkwa Asem

Asuafo no frɛ

5 Da bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret tare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so sɛ wɔrebetie Onyankopɔn asɛm. 2 Ohuu akorow abien a apofofo bi a wɔrehohoro wɔn asau wɔ mu no agyaw wɔ ɔtare no ho. 3 Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ nsu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi afi hɔ akasa akyerɛ nnipa no.

4 Yesu wiee n’asɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree.” 5 Simon kae se, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti, yebegu yɛn asau no.”

6 Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew. 7 Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa ma ma a anka ɛreyɛ amemem mpo.

8 Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, “Me wura, mesrɛ wo, fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfo a mensɛ sɛ wobɛn me.” 9 Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne n’ahokafo no nwonwa. 10 Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa. Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Nsuro, efi nnɛ, wobɛyɛ nnipa yifo.”

11 Wɔde akorow no beduu nsu no ano hɔ no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa hɔ bedii n’akyi.

Ɔkwatani bi ayaresa

12 Da bi a Yesu wɔ kurow bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotow n’anim srɛɛ no se, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”

13 Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ ne nsa de kaa no kae se, “Yiw, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.” Amonom hɔ ara, ne ho fii. 14 Yesu hyɛɛ no se, “Wo ne obiara nni w’ayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ akwatafo a wɔn ho afi no mmɔ sɛ adansedi no.” 15 Yesu anwonwadwuma a ɔyɛe yi maa ne ho asɛm trɛwee mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree betiee no pɛe sɛ ɔsa wɔn yare nso. 16 Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ sare so kɔbɔ mpae.

17 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Galilea ne Yudea nkurow ahorow so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa bere no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma.

Obubuafo bi ayaresa

18 Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafo bi. 19 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.

20 Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”

21 Farisifo no ne mmara no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?”

22 Esiane sɛ Yesu huu nea wodwinnwen nti, obuaa wɔn se, “Adɛn nti na mudwen sɛ asɛm a mekae yi yɛ abususɛm?” 23 Yesu bisaa wɔn se, “Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi se, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka se, sɔre na nantew?” 24 Na sɛ ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so nti, mereka akyerɛ wo se, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ fie!”

25 Amonom hɔ ara, ɔsɔree, yii ne kɛtɛ, kɔɔ fie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 26 Wɔn a wogyina hɔ no ho dwiriw wɔn. Ehu kaa wɔn. Woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Ɛnnɛ de, yɛahu anwonwade.”

Yesu frɛ Lewi

27 Eyi akyi no, Yesu fii hɔ kohuu ɔtowgyeni Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi m’akyi.” 28 Ɛhɔ ara, Lewi sɔre, gyaw ne nneɛma nyinaa hɔ dii n’akyi.

29 Akyiri yi, Lewi tow pon wɔ ne fi maa Yesu. Towgyefo ne nnipa ahorow bebree kɔɔ apontow no ase.

30 Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo no hui sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wonwiinwii bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi?”

31 Yesu buaa wɔn se, “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare. 32 Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”

Mmuadadi ho asɛmmisa

33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, “Adɛn nti na Yohane Osuboni asuafo ne Farisifo asuafo no de wɔtaa di mmuada, na w’asuafo de daa wodidi na wɔnom?”

34 Yesu nso bisaa wɔn se, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforo ase no di mmuada, wɔ bere a ayeforo kunu no wɔ wɔn nkyɛn anaa? 35 Nanso da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, saa bere no na wobedi mmuada.”

36 Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Obi mfa ntama foforo ntare ntama dedaw mu. Ɔyɛ saa a foforo no bɛma dedaw no asuane. Afei ɛbɛma nsonoe ada foforo no ne dedaw no ntam. 37 Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe.

38 Eyi nti, nsa nkotoku afoforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gugu. 39 Obi nnom mmarimasa nwie mmisa ntinkum ase. Nea ɔnom no ka se, nea apae no na eye.”

Next
Luka 4
Luka 6
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway