Add parallel Print Page Options

Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti momma yɛntew yɛn ho mfi biribiara a egu honam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase Onyankopɔn mu mfa ntew yɛn ho kronn.

Mummue mo koma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yensisii obiara na yemmuu obiara kwasea nso. Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛnea madi kan aka no, yɛdɔ mo nti daa sɛ yewu o, yɛte ase o, yɛbata mo ho. Migye mo di nti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa abaw. Mede ahosɛpɛw retu mmirika no.

Mpo yeduu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw wɔ hɔ baabiara. Na akasakasa wɔ wɔn ntam. Afei na ehu wɔ yɛn koma mu. Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa abaw den no nam Tito ba a ɔbae no so hyɛɛ yɛn den. Ɛnyɛ ne ba a ɔbae no nko na mmom ka a ɔbɛkae se mohyɛɛ no nkuran no no. Ɔkaa sɛnea mopɛ sɛ muhu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛnea mudii yaw ne sɛnea na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no enti mprempren, ama m’ani agye sen kan no.

Sɛ me krataa a mekyerɛw mo no hyɛɛ mo awerɛhow a, ɛnyɛ me yaw sɛ mekyerɛwee. Sɛ mihui sɛ ɛhow mo werɛ a, anka me nso me werɛ bɛhow bere tiaa bi. Nanso mprempren de, m’ani agye, ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ howee no nti, na mmom sɛ mo awerɛhow no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ howee enti yɛn de, yɛanhaw mo. 10 Awerɛhow a Onyankopɔn de baa mo so no nti, moanya ahonu bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagye mu enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo yaw. Nanso wiase awerɛhow de owu ba.

11 Hwɛ nea Onyankopɔn nam mo awerɛhow no so ayɛ: moayɛ nsiyɛfo ne nokwafo. Na nea ɛmfata, ehu, ɔtema, ahofama ne twe a wɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne aso no nyinaa, moakyerɛ sɛ asɛm biara nni mo ho koraa. 12 Ɛwom sɛ mekyerɛw saa krataa no de, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne nti na mekyerɛwee. Mekyerɛw bɛkyerɛɛ mo mu sɛnea Onyankopɔn anim, mode mo ho nyinaa ama yɛn no.

13 Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no. Ɛnyɛ nkuranhyɛ a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mugyee no maa n’ani gyei no so maa yɛn nso ani gyei. 14 Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me hwammɔ. Daa yɛka nokware kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu. 15 Enti sɛ ɔkae sɛnea mo nyinaa pɛe sɛ moyɛ osetie ma no na mode obu ne nidi gyee no fɛw so no a, ɛma ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den ara na ɛreyɛ. 16 Ɛyɛ me anigye sɛ metumi de me ho nyinaa ato mo so.