Add parallel Print Page Options

Towyi

16 Asɛm a ɛfa tow a wobeyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no ni: Ɛsɛ sɛ moyɛ nea meka mekyerɛɛ Galati asafo horow sɛ wɔnyɛ no bi. Kwasida biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛnea meba mo nkyɛn a, ɛremma munyi tow. Sɛ meba kɔ a, mɛkyerɛw adansedi krataa mede asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn na wɔabegye mo akyɛde no de akɔ Yerusalem. Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.

Paulo nhyehyɛe

Sɛ mifi Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, efisɛ, mɛfa hɔ. Ebia medi nna kakra wɔ mo nkyɛn. Ebia medi awɔw bere no wɔ mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ. Mempɛ sɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom mewɔ anidaso sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛ. Nanso mɛtena Efeso ha yi akosi Pentekoste da no. Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre tia me dɔɔso de, nanso akwan pa a metumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha.

10 Sɛ Timoteo ba mo kyɛn wɔ ha a, monsom no hɔho, efisɛ, ɔreyɛ Awurade adwuma sɛnea meyɛ yi ara. 11 Obiara mmu no abomfiaa na mmom, mommoa no na ontu ne kwan yi asomdwoe mu na watumi asan abɛka me nsa, efisɛ, merehwɛ ɔne anuanom no anim.

12 Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ mprempren ara. Sɛ onya kwan de a, ɔbɛkɔ.

13 Monnwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden.

14 Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa. 15 Munim Stefana ne ne fifo ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdan bɛyɛɛ Kristofo kan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfo. Mesrɛ mo, me nuanom, 16 sɛ munni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wodi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi. 17 M’ani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbae no ho. Wobesii mo ananmu 18 na wɔama m’ani agye sɛnea wɔmaa mo ani gyei no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.

19 Asafo a wɔwɔ Asia no kyia mo. Akwila ne Priskila ne asafo a wohyia wɔn fi no nso kyia mo. 20 Anuanom a wɔwɔ ha no kyia mo. Momfa ɔdɔ nkyiakyia mo ho mo ho.

21 Me ara me nsa ano nkyerɛwee ni: Me Paulo, mikyia mo. 22 Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Maranata “Yɛn Awurade, bra!” 23 Awurade Yesu adom mmra mo so. 24 Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu.