Add parallel Print Page Options

Mmea Kyɛfa

11 Munsua me sɛnea misua Kristo no.

Mekamfo mo, efisɛ, bere biara, mokae me di me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛɛ mo no so. Na mepɛ sɛ mote ase sɛ, Kristo korɔn sen onipa biara. Okunu korɔn sen ɔyere. Na Onyankopɔn korɔn sen Kristo. Enti ɔbarima biara a ɔkata ne ti so bɔ mpae anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ baguam no gu Kristo anim ase. Na ɔbea a ɔnkata ne ti so na ɔbɔ mpae ka Onyankopɔn asɛm wɔ baguam no nso gu ne kunu anim ase. Nsonoe biara nna ɔne ɔbea a wayi ne tinhwi no ntam. Sɛ ɔbea no nkata ne ti so a, ɛsɛ sɛ otwitwa ne tinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguase sɛ ɔbea beyi ne tinwi anaa obetwitwa agu no nti, ɛsɛ sɛ ɔkata so. Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne ti so, efisɛ, ɔyɛ Onyankopɔn anuonyam ne ne sɛso na wɔammɔ ɔbarima amfi ɔbea mu na mmom wɔbɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu. Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima nanso ɔbea de, ɔbarima nti na wɔbɔɔ no. 10 Esiane saa asɛm yi ne abɔfo nti, ɛsɛ sɛ ɔbea nya nkataso bi wɔ ne tiri so.

11 Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbea nte ne baabi ɛnna ɔbarima nso nte ne baabi. 12 Na sɛnea wɔbɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbea woo ɔbarima, na biribiara nso fi Onyankopɔn.

13 Eye sɛ ɔbea bɛbɔ mpae afrɛ Onyankopɔn wɔ bagua mu a biribiara nkata ne tiri so anaa? Mo ara mummua mfa. 14 Ɛnyɛ saa abɔde koro no ara na ɛka se, sɛ ɔbarima ti fuw pii a, ɛyɛ animguase ma no no? 15 Nanso sɛ ɔbea de, ne ti fuw pii a, ɛyɛ anuonyam ma no no? Wɔama no nhwi pii sɛ akataso. 16 Nanso sɛ obi pɛ sɛ ogye ho akyinnye a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni kwan foforo biara a wɔfa so som.

Awurade adidi

17 Mmara a edidi so yi a mereka akyerɛ mo yi, menkamfo mo, efisɛ, mo asafo nhyiam sɛe nneɛma sen sɛnea wɔyɛ no yiye. 18 Nea edi kan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asi wɔ mo nhyiam mu na migye di sɛ nokware kakra wɔ mu. 19 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛnea nokware bɛda adi.

20 Sɛ muhyia sɛ kuw a, momma sɛ morebedi Awurade adidi no. 21 Na mugu so redidi no, obiara di n’aduan wɔ bere a ɔkɔm de ebinom na afoforo nso abobow nsa. 22 Mo ara munni afi a mudidi, nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mugu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a ade ahia wɔn no anim ase? Dɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ sɛ muhu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!

23 Awurade nkyɛn na minya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no sɛ, Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa abodoo 24 na ɔdaa Onyankopɔn ase no, obuu mu kae se, “Eyi ne me nipadua a mede ma mo. Monyɛ eyi mfa nkae me.” 25 Saa ara na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkae se, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforo a wɔde me mogya asɔw ano. Bere biara a mobɛnom no, monkae me.” 26 Bere biara a mobedi abodoo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wu no ho asɛm kosi sɛ ɔbɛba.

27 Ɛkyerɛ sɛ sɛ obi di Awurade abodoo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɔkwan a ɛmfata so a, odi Awurade nipadua ne ne mogya no ho fɔ. 28 Enti ansa na obiara bedi abodoo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ. 29 Na sɛ wammu Awurade Honhom no na odi, nom fi kuruwa no mu a, odi, nom de atemmu ba n’ankasa so. 30 Ɛno nti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛw na mo mu pii awuwu no.

31 Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yerɛnkɔ Onyankopɔn atemmu mu. 32 Nanso Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛnea ɔremmu yɛne wiase nyinaa fɔ. 33 Ɛno nti, me nuanom, sɛ muhyia sɛ morekɔ Awurade adidi no a, montwɛn mo ho mo ho. 34 Sɛ ɔkɔm de obi a, onnidi wɔ fie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiam no ase.

Nsɛm a aka no, sɛ meba a, mɛka ho asɛm.