Add parallel Print Page Options

Ahoni ho kɔkɔbɔ

10 Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nenanom a wodii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Po Kɔkɔɔ no mu asomdwoe mu. Omununkum no ne po no mu, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifo.

Wɔn nyinaa dii honhom mu abodoo na wɔnom honhom mu bobesa. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsu; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa. Eyinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ sare no so hɔ no.

Mprempren, eyinom nyinaa yɛ nhwɛso ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ bɔne sɛnea wɔyɛe no, ɛnna ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛnea wɔn mu bi yɛe no. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Nnipa no tenaa ase, didi, nomee na wɔsɔre sawee.”

Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman sɛnea wɔn mu bi yɛe no na da koro wɔn mu ɔpeduonu abiɛsa wuwui no. Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛnea wɔn mu bi yɛe no maa awɔ kekaa wɔn kunkum wɔn no. 10 Ɛnsɛ sɛ munwiinwii sɛnea wɔn mu bi yɛe maa ɔsɛe bɔfo sɛee wɔn no.

11 Eyinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛso maa afoforo. Na wɔkyerɛw guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Efisɛ, yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛ na bere no aba awiei.

12 Obiara a odwen sɛ ogyina hɔ no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase. 13 Sɔhwɛ biara a aba w’akwan mu no, yɛ nea ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔremma ho kwan mma sɔhwɛ a ɛboro w’ahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso.

14 Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfi ahonisom ho.

Morentumi nhwɛ afanu no

15 Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafo. Asɛm a meka no mummua mfa. 16 Sɛ yɛrenom kuruwa no ano na yebisa Awurade nkyɛn nhyira a, Kristo mogya nhyira no renka wɔn a wɔnom kuruwa no ano nyinaa bi anaa? Abodoo a yebubu mu no nso, sɛ yedi a, ɛnyɛ Kristo nipadua na yɛkyekyɛ di? 17 Esiane sɛ abodoo no yɛ baako na yɛn a yedi no dɔɔso wɔ honam koro mu nti, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako. 18 Monhwɛ Helafo: Wɔn a wodi afɔrebɔde no di afɔrebɔde a wɔde abɔ Onyankopɔn afɔre no?

19 Mibisa se, afɔrebɔde a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi? 20 Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, nea wɔde abɔ afɔre wɔ ɔbosonsomni afɔremuka so no, wɔde ama ahohommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mɛmpɛ sɛ mode mo ho bɛhyɛnhyɛn ahohommɔne. 21 Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsan nnom ahohommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade pon so na monsan nnidi wɔ ahohommɔne pon nso so.

22 Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yegye di sɛ yɛyɛ den sen no anaa?

23 Wɔka se, “Wɔama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛpɛ.” Nanso ɛnyɛ biribiara na eye. “Wɔama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso ɛnyɛ biribiara na etumi boa yɛn. 24 Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiyedi na mmom ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforo nso yiyedi.

25 Adwenemdahɔ nti mutumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ gua so di a mummisa ho asɛm biara. 26 Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Asase ne nneɛma a ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade de.”

27 Obi a ɔnyɛ gyidini frɛ wo adidi na woyɛ w’adwene sɛ wobɛkɔ a, adwenemdahɔ nti, aduan a ɔde bɛma wo biara di a wummisa ho asɛm biara. 28 Nanso sɛ obi ka kyerɛ wo se, “Wɔde saa aduan yi maa ahoni” a, esiane nea ɔbɔɔ wo saa amanneɛ ne adwenemdahɔ nti, nni saa aduan no. 29 Ɛno nyɛ w’adwene na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no adwene. Obi bebisa se, “Adɛn nti na obi adwene siw m’ahofadi ho kwan? 30 Sɛ meda Awurade ase wɔ m’aduan ho a, adɛn nti na aduan a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”

31 Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ monom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. 32 Monnyɛ biribiara mmfa nnhaw Yudafo anaa Amanamanmufo anaa Onyankopɔn asafo. 33 Monyɛ sɛnea meyɛ no. Mema obiara ani gye nea meyɛ ho a minnwen mankasa me yiyedi ho na mmom, midwen yɛn nyinaa yiyedi ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa.