Add parallel Print Page Options

Awuranom, momma mo asomfo nea eye na ɛteɛ. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ soro.

Mommɔ mpae daa. Mo mpaebɔ mu, monyɛ nnam na monna Onyankopɔn ase. Bere koro no ara mu, mommɔ mpae mma yɛn nso na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Efisɛ, ɛno nti na meda afiase no. Mommɔ mpae na matumi akasa ama ntease aba mu sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.

Bere biara a mubenya kwan ne wɔn a wɔnyɛ gyidifo no ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu. Daa monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuae pa.

Nkyia

Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛfo pa na ɔsan yɛ Awurade adwumayɛ mu somfo no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo. Ɛno nti na meresoma no wɔ mo nkyɛn sɛ ɔmmɛka sɛnea yɛrekɔ so fa mfa nhyɛ mo den no. Onua Onesimo a ɔyɛ nokwafo ɔdɔfo na ɔsan fra mo kuw mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo.

10 Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyia mo. Saa ara na Barnaba ne nua Marko nso kyia mo. Wɔaka akyerɛ mo se sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no fɛw so. 11 Yosua a wɔfrɛ no Yusto no nso kyia mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafo a wɔasakra wɔn adwene a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn ahenni no ho adwuma a wɔaboa me yiye.

12 Kristo Yesu somfo a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuw mu no nso kyia mo. Daa ɔbɔ mpae dennen srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma n’apɛde. 13 Metumi adi ne nsiyɛ ho adanse akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.

14 Luka a ɔyɛ yɛn yaresafo pa no ne Dema kyia mo.

15 Yekyia anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wohyia wɔ ne fi no. 16 Sɛ mokan saa nhoma yi wie a, monhwɛ sɛ mobɛkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no saa ara nso na monkan nhoma a efi Laodikea no. 17 Monka nkyerɛ Arkipo se, “Bɔ mmɔden sɛ wubewie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.”

18 Me, Paulo, me nsa ano nkyerɛw a mede kyia mo ni: Monkae me mpokyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.