Add parallel Print Page Options

Kristofo yɛ Onyankopɔn fi

Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a Onyankopɔn somaa no ma ɔbɛyɛɛ ɔsɔfo Panyin wɔ gyidi a yɛka ho asɛm no ho.

Na odi Onyankopɔn a oyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokware sɛnea Mose nso dii nokware wɔ Onyankopɔn fi no. Onipa a osi ofi nya anuonyam sen ofi no ankasa. Saa ara na ɛte; ɛsɛ sɛ Yesu nya anuonyam sen Mose. Ofi biara, obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa.

Mose di Onyankopɔn nokware sɛ ɔsomfo wɔ ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. Nanso Kristo de, odi nokware sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidi wɔ yɛn mu wɔ anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi.

Enti Honhom Kronkron no ka se, “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ nea moyɛe bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛnea moyɛe da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no. Ɛmaa mo mpanyimfo sɔɔ no hwɛe, sɛnea Onyankopɔn ka ni, ɛwom, wohuu nea meyɛɛ no mfe aduanan. 10 Esiane saa nti, me bo fuw saa nnipa no kae se, ‘Wɔfom daa wɔ wɔn koma mu, na wontie me mmara nsɛm.’

11 “Me bo fuwii na mekaa ntam se, ‘Wɔremma me home mu da.’ “

12 Me nnuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho. 13 Na mmom, sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho bere a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no. 14 Na sɛ yeso gyidi a yɛwɔ no mu dennen sɛnea yɛde fi mfitiase no a, na yɛyɛ Kristo fafafo.

15 Kyerɛwsɛm no ka se, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ nea moayɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”

16 Ɛhefo na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim fi Misraim no nyinaa. 17 Ɛhefo na Onyankopɔn bo fuw wɔn mferehyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtetew hwe wuwui wɔ sare so no. 18 Bere a Onyankopɔn kaa ntam, “Wɔremma me home mu da no,” na ɔreka akyerɛ ɛhefo? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔayɛ no dɔm no. 19 Afei yehu sɛ wɔantumi ankɔ mu, efisɛ, wɔannye anni.