Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Understand more as you read. Go deeper with Bible Gateway Plus.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Read Scripture without ads. Try Bible Gateway Plus.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Hebrifo 1  Nkwa Asem

Onyankopɔn akasa

1 Mmere a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan horow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo.

2 Mmom mmere a edi akyiri yi de, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de.

3 Ɔnam Onyankopɔn anuonyam hyerɛn a ɔhyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde n’asɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fi wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ soro.

4 Ɛno nti, ɔyɛɛ kɛse sen abɔfo no, efisɛ edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no. 5 Efisɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ n’abɔfo no mu biara se, “Woyɛ me Ba na nnɛ, mabɛyɛ w’agya.” Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se, “Mɛyɛ w’agya na wayɛ me Ba.” 6 Bere a Onyankopɔn pɛe sɛ ɔsoma n’abakan no ba wiase no, ɔsan kae se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.” 7 Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ, “Onyankopɔn yɛ n’abɔfo mframa ne n’asomfo gyadɛwee.” 8 Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae sɛ, “O, Onyankopɔn, w’ahengua bɛtena hɔ daa nyinaa; w’ahenni yɛ atɛntrenee. 9 Wodɔ trenee, na wukyi bɔne; ɛno nti na Onyankopɔn a ɔyɛ wo Nyankopɔn no yii wo hyɛɛ wo anuonyam a ɛso sen w’ahokafo no.”

10 Onyankopɔn san kae se, “Wo, Awurade, na mfitiase no wobɔɔ asase na wode w’ankasa wo nsa bɔɔ soro. 11 Ne nyinaa betwam na wo de wobɛtena hɔ; ne nyinaa behi sɛ ntamagow. 12 Wɔbɛbobɔw no sɛ atade, na wɔbɛsesa no sɛ ntade. Nanso wo de, daa wote sɛ nea wote; na wo mfe renhi da.”

13 Onyankopɔn anka ankyerɛ n’abɔfo no se, “Montena me nifa so kosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ mo nan ase ntiaso.”

14 Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.

Next
Filemon 1
Hebrifo 2
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway