Add parallel Print Page Options

Papa yɛ

Anuanom, sɛ obi yɛ bɔne na mokyere no a, mo a moyɛ honhom mu nnipa no monka n’asɛm no honhom mu. Nanso ɛyɛ a monhwɛ mo ho yiye na wɔansɔ mo anhwɛ. Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia. Sɛ moyɛ saa a, mudi Kristo mmara no so. Sɛ obi fa ne ho sɛ ɔyɛ biribi nanso onse hwee a, obu ne ho kwasea.

Ɛsɛ sɛ obiara bu ne ho atɛn ansa na watumi de nea wayɛ no aka asɛm a ɛho nhia sɛ ɔde ne ho bɛto nea obi ayɛ ho. Efisɛ, ɛsɛ sɛ obiara soa n’adesoa.

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ wɔn Asɛmpa no tua wɔn akyerɛkyerɛfo no ka.

Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetwe. Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa. Nea odua ma ɛsɔ ɔhonam ani no betwa no owu mu; na nea odua ma ɛsɔ Honhom no ani no fi Honhom no mu benya nkwa a enni awiei. Ne saa nti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, efisɛ, sɛ yɛammrɛ a, bere bi bɛba a yebetwa nnɔbae no. 10 Enti mmere dodow a bere no wɔ hɔ ma yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titiriw no, wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.

11 Monhwɛ nsɛm mmaako mmaako akɛse a mede m’ankasa me nsa akyerɛw abrɛ mo. 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma mutwitwa twetia. Wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentaa wɔne Kristo wɔ asɛnnua no ho. 13 Wɔn a wotwa twetia no mpo nni Mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wotwa wɔn twetia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahoahoa wɔn ho wɔ twetiatwa no ho.

14 Nanso, me de, Awurade Yesu Kristo asɛnnua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho, efisɛ, n’asɛnnua no nti, wiase awu ama me na me nso mawu ama wiase. 15 Sɛ obi atwa twetia anaa ontwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne sɛ wobɛyɛ abɔde foforo.

16 Wɔn a wodi saa mmara yi so wɔ wɔn asetena mu no, asomdwoe ne mmɔborɔhunu nka wɔn; nka wɔn ne Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa.

17 Asɛm a mede rewie ne sɛ: Obiara nhaw m’adwene bio, efisɛ, atwa a ɛwɔ me honam ani no kyerɛ sɛ, meyɛ Yesu somfo.

18 Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.