Add parallel Print Page Options

Nkyia

Saa nhoma yi fi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn. Wɔde kɔma Yesu Kristo mu ahotefo ne ahwɛfo ne asomafo a wɔwɔ Filipi no nyinaa.

Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Paulo mpaebɔ

Bere biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. Saa ara nso na da biara mede anigye bɔ mpae ma mo, efisɛ, efi da a edi kan de besi sesɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu. Eyi nti, migye di yiye sɛ: Onyankopɔn a ofitii ase yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akosi da a Yesu Kristo bɛba no.

Sɛnea mo ho adwene pa wɔ me tirim no nti, sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara nen. Efisɛ, sɛ meda mpokyerɛ mu anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no no, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. Onyankopɔn ankasa di me adanse sɛ m’ani agyina mo wɔ Yesu Kristo dɔ mu. Me mpae a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mubenyin wɔ nimdeɛ ne ntease mu 10 sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea eye na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo. 11 Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko betumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, akamfo no.

12 Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛw. 13 Ɛno nti, awɛmfo a wɔwɔ ahemfi ha ne afoforo a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, esiane sɛ meyɛ Kristo somfo no nti, na meda afiase. 14 Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wotumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoduru so a wonsuro hwee.

15 Ɛyɛ nokware sɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwawpɛ so ka Kristo ho asɛm foforo, na afoforo nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. 16 Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no fi ɔdɔ mu na ɛka, efisɛ, wonim sɛ Onyankopɔn asɛm nti na meda afiase. 17 Afoforo a wɔnam nitan ne ntɔkwawpɛ so ka asɛm no nso dwen sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma m’ahohiahia aboro so wɔ m’afiase nna yi mu. 18 Eyi nti na ayɛ dɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Nea ehia ara ne sɛ, sɛ wofi adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na eyi nti m’ani gye na mɛkɔ so ama mani agye, 19 efisɛ, minim sɛ mo mpaebɔ ne adom a efi Yesu Kristo Honhom mmoa mu no nti, wobegyaa me. 20 Me pɛ ne m’anidaso titiriw ne sɛ, mmere nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ m’adwuma; mpo saa bere yi, sɛ mete ase o, sɛ miwu o, mede me nipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo anuonyam. 21 Me de, m’ase a mete ne Kristo; na owu yɛ me mfaso. 22 Na sɛ m’ase a mete yi na ɛbɛma matumi matwetwe afoforo abrɛ Kristo a, ɛnne na asetena ne owu, minhu mu nea memfa. 23 Eyi adi me aniani; ɔpɛ na mepɛ sɛ mitu wiase ne Kristo kɔtena, efisɛ, ɛno mmom na eye; 24 nanso mo nti, sɛ mete ase nso a, anka eye.

25 Minim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno nti, mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyin wɔ gyidi mu anya anigye. 26 M’asetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesan bɛsra mo bio a, mubenya biribi agyina so ahyɛ Kristo anuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.

27 Mprempren, ade a ɛho hia me ne sɛ, biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata sɛ Kristo Asɛmpa no nko sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yehyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mugyina pintinn na mukita botae koro ne gyidi koro wɔ Asɛmpa no ho.

28 Munnsuro mo atamfo. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoduru nnyina pintinn. Na eyi bedi adanse sɛ wobedi nkogu na moadi nkonim, efisɛ, Onyankopɔn ka mo ho. 29 Na mo de, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ munni Kristo akyi nko, na mmom, sɛ mubehu amane nso. 30 Afei mubetumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na bere a atwam no, mekoe no, na migu so reko sɛnea mote no no.