Add parallel Print Page Options

Anania ne Safira

Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapade bi. Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wonyae no bi siei na wɔde nkae no brɛɛ asomafo no.

Petro bisaa no se, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atoro akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wunyae no bi asie? Ansa na worebɛtɔn agyapade no na ɛyɛ w’ankasa de; wotɔn wiei no nso, sika a wunyae no, na ɛyɛ wo de; na adɛn nti na woyɛɛ w’adwene sɛ wobɛyɛ nea woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn na mmom woadi atoro akyerɛ Onyankopɔn.”

Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, otwa hwee fam wui; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no. Wɔn mu mmerante no bae bɛkyekyeree amu no fii adi kosiee no.

Ɛbɛyɛ nnɔhwerew abiɛsa akyi no, ne yere a na onnim asɛm a asi no baa hɔ. Petro ka kyerɛɛ no se, “Sika a wo ne wo kunu tɔn mo agyapade no munyae no nyinaa ni a, ka kyerɛ me.” Obuaa no se, “Yiw, ne nyinaa nen.”

Petro bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Nnipa a wokosiee wo kunu no gyina ɔpon yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akosie wo.”

10 Amonom hɔ ara otwa hwee Petro anim wui. Mmerante no behuu sɛ wawu no, wɔsoaa no, kosiee no wɔ ne kunu nkyɛn. 11 Asafo no mu nnipa foforo a wɔtee saa asɛm yi no suroe yiye.

Asomafo no sa nyarewa

12 Na asomafo no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wohyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwonwade ahorow pii. 13 Ɛwom sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanse pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafo no ho. 14 Nnipa dodow a wogyee Awurade dii no bɛkaa gyidifo no ho. 15 Esiane anwonwade a na asomafo no reyɛ no nti, wɔsoaa ayarefo baa mmɔnten so de wɔn totoo mpa ne kɛtɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a Petro sunsuma bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ. 16 Nkurɔfo a wofifi nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefo ne wɔn a ahohommɔne wɔ wɔn mu no bae na wɔsaa wɔn nyinaa yare.

Wɔtaa asomafo no

17 Ɔsɔfo panyin ne n’ahokafo ne Sadukifo no ani beree asomafo no so yiye enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso. 18 Ɛno nti, wɔkyeree asomafo no de wɔn koguu afiase.

19 Da no ara anadwo Awurade bɔfo bebuee afiase apon no dii asomafo no anim ka kyerɛɛ wɔn se, 20 “Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforo yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.”

21 Asomafo no dii asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti, anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ fitii ase kyerɛkyerɛe. Ɔsɔfo panyin no ne n’ahokafo no frɛɛ Yudafo mpanyin ma wɔyɛɛ nhyiam kɛse bi; afei wɔsoma ma wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafo no mmra wɔn anim. 22 Nanso bere a nnipa no duu afiase hɔ no, wɔanhu asomafo no; enti wɔsan ba bɛbɔɔ wɔn amanneɛ se, 23 “Bere a yeduu afiase hɔ no, yehui sɛ wɔatoto afiase apon no nyinaa mu petee a awɛmfo no gyinagyina ano. Nanso yebuebuee apon no no, yɛanhu obiara wɔ mu.”

24 Bere a ɔpanyin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfo no so ne asɔfo mpanyin no tee saa asɛm yi no wɔn adwene mu yɛɛ wɔn nnaa, efisɛ, na wonhu asɛm a asi. 25 Ankyɛ koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.”

26 Awɛmfo no so panyin no tee asɛm yi no, ɔne ne nkurɔfo no kɔkyeree asomafo no de wɔn bae. Awɛmfo no so panyin no ne awɛmfo no amfa asomafo no amma ɔhyɛ so, efisɛ, na wonim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no besiw wɔn abo. 27 Wɔde asomafo no begyinaa agyinatufo no anim maa ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ wɔn se, 28 “Yɛhyɛɛ mo se monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yekum saa ɔbarima no!”

29 Petro ne asomafo a wɔka ne ho no buaa wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa, 30 efisɛ, mobɔɔ Yesu asɛnnua mu kum no no, yɛn agyanom Nyankopɔn nyanee no fii owu mu. 31 Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam so bɛma Israelfo asakra wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 32 Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛde a Awurade de ma wɔn a wotie no no di eyi ho adanse.”

33 Agyinatufo no tee saa asɛm yi no, wɔn bo fuwii na wɔkae se wobekum asomafo no. 34 Nanso wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farasini na ɔsan yɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a na nnipa bu no no, sɔre gyina hyɛe sɛ wɔmfa asomafo no mfi adi.

35 Afei ɔkasa kyerɛɛ agyinatufo no se, “Me nuanom Israel mmarima, munnwen nea mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi no ho yiye. 36 Ɛnkyɛe biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔree, kae se ɔyɛ onipa titiriw bi maa nnipa bɛyɛ ahanan tu dii n’akyi. Nanso wokum no maa n’akyidifo no nyinaa bɔ hwetee.

37 “N’akyi no, Yuda a ofi Galilea nso sɔree nnipakan bere no mu. Ɔno nso nnipa pii dii n’akyi. Saa ara na ɔno nso wokum no maa n’akyidifo no bɔ hwetee.

38 “Ɛno nti mitu mo fo sɛ, munnyaa saa nnipa yi mma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi fi onipa a, ebegu. 39 Nanso sɛ efi Onyankopɔn a morentumi nsiw wɔn kwan. Mubehu sɛ moreko atia Onyankopɔn.”

40 Agyinatufo no tiee Gamaliel afotu no. Wɔma wɔde asomafo no bae ma wɔbɔɔ wɔn mma hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mmfa nnkyerɛkyerɛ bio. Afei wogyaa wɔn. 41 Esiane sɛ asomafo no hui sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wohu amane wɔ Yesu din mu no nti, wɔde anigye na efii asɛnnii hɔ. 42 Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛm pa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi ne afi mu da.