Add parallel Print Page Options

23 Paulo hwɛɛ agyinatufo no dinn, kae se, “Anuanom, ahonim pa na mede mayɛ Onyankopɔn adwuma de abesi nnɛ da yi.”

Anania a na ɔyɛ ɔsɔfo panyin no hyɛɛ nnipa a na wogyina Paulo ho no sɛ wɔmmɔ n’ano so.

Paulo ka kyerɛɛ no se, “Wo a wote sɛ ɔfasu a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!”

Nnipa a na wogyina Paulo nkyɛn no bisaa no se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfo panyin?”

Paulo buaa wɔn se, “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin. Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Nka asɛmmɔne mfa wo man panyin ho.’“

Bere a Paulo hui sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifo na ebi yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm wɔ agyinatufo no anim se, “Me nuanom, meyɛ Farisini. M’awofo yɛ Farisifo. Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre mu no nti na migyina ha ma woredi m’asɛm yi.”

Asɛm a Paulo kae yi maa ntawntaw sii Farisifo ne Sadukifo no ntam maa wɔn mu kyɛɛ abien, efisɛ, na Sadukifo no nnye owusɔre, abɔfo ne honhom nni. Nanso Farisifo no de, wogye saa nneɛma abiɛsa no di.

Nteɛteɛm no kɔɔ so kosii sɛ mmara no akyerɛkyerɛfo no mu bi a wɔyɛ Farisifo no sɔre gyinaa hɔ kae se, “Yenhu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no!”

10 Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroe sɛ anhwɛ a wɔbɛtetew Paulo mu; ɛno nti, ɔhyɛɛ n’asraafo sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wonkogye Paulo mfi wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu.

11 Anadwo no, Awurade begyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Sɛnea woadi me ho adanse wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kodi me ho adanse wɔ Roma.”

Wɔbɔ Paulo ho pɔw

12 Ade kyee no, Yudafo bi hyia kaa ntam, dii nsew sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kosi sɛ wobekum Paulo. 13 Na saa nnipa no dodow bɛboro aduanan. 14 Afei wɔkɔɔ asɔfo mpanyin ne mpanyin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛaka ntam, adi nsew se hwee renka yɛn ano kosi sɛ yebekum Paulo. 15 Mo ne agyinatufo no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka se, mopɛ sɛ mubisa Paulo nea wayɛ no mu yiye enti ɔmma wɔmfa no mmra mo anim. Nanso ansa na wɔde no bedu ha no, na yɛakum no dedaw.”

16 Nanso Paulo wɔfase bi tee pɔw a wɔabɔ no nti, ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amanneɛ.

17 Paulo frɛɛ asraafo mpanyin no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Wo ne aberante yi nkɔ ɔsafohene no nkyɛn, efisɛ, ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.

18 Ɔsraani panyin no ne aberante no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn. Wɔduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsafohene no se, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberante yi mmehu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”

19 Ɔsafohene no soo aberante no nsa de no kogyinaa nkyɛn baabi bisaa no se, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?”

20 Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Yudafo mpanyin no abɔ pɔw sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufo no sɛ wɔrebebisa no ne nsɛm no mu yiye. 21 Nanso mma wɔnnaadaa wo. Efisɛ, mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam, adi nsew sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kosi sɛ wobenya Paulo akum no no betetɛw no wɔ kwan so. Nea wɔretwɛn ara ne sɛ wobɛma ho kwan.

22 Ɔsafohene no gyaa aberante no kwan ka kyerɛɛ no se, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.”

Wɔde Paulo kɔ Kaesarea

23 Ɔsafohene no frɛɛ n’asraafo mpanyimfo baanu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mompɛ asraafo ahanu ne apɔnkɔsotenafo ne mpeawkurafo ahanu na mumfi ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea. 24 Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.”

25 Afei ɔsafohene no kyerɛw nhoma a emu nsɛm ka se:

26 “Me Klaudio Lisia na merekyerɛw wo Onuonyamfo Amrado Felike saa nhoma yi. Mikyia wo!.

27 “Yudafo kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne m’asraafo kogyee no fii wɔn nsam. 28 Mepɛe sɛ mihu bɔne ko a wayɛ enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufo no. 29 Mihui sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wogyina so kum no anasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too no so no fa wɔn mmara ho. 30 Ɛno nti, bere a metee sɛ Yudafo bi abɔ ne ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no akum no no, meyɛɛ m’adwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka makyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no se, wɔmmra w’anim mmɛka.”

31 Asraafo no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri. 32 Ade kyee no, asraafo a wɔnam fam no san wɔn akyi na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea.

33 Wodui no, wɔde nhoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa. 34 Amrado no kan nhoma no wiei no obisaa Paulo ɔman ko a ofi mu. Ɔtee sɛ ofi Kilikia no, ɔka kyerɛɛ no se, 35 “Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na metie w’asɛm.” Afei ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfi na asraafo nwɛn no.