Add parallel Print Page Options

Wɔtaa gyidifo no

Saulo penee okum a wokum Stefano no so. Saa da no ara wɔtaa gyidifo a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔ hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so ma ɛkaa asomafo no nko ara. Nyamesurofo bi kɔfaa Stefano kosiee no. Wosuu no yiyie. Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ogu asafo no nti, ɔkɔɔ afi mu kɔkyekyeree gyidifo mmarima ne mmea de wɔn guu afiase.

Filipo ka Asɛmpa no wɔ Samaria

Gyidifo a na wɔabɔ ahwete no kaa Asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔe. Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no. Bere a nnipakuw no tee asɛm a Filipo reka na wohuu anwonwade a ɔyɛe no, wɔn nyinaa tiee no. Ahohommɔne de nteɛteɛm fii nnipa bebree mu. Saa ara nso na mmubuafo ne mpakye nso sɔre nantewee. Eyi nti, anigye baa Samaria.

Simon nkonyaayifo no

Na ɔbarima bi te saa kurow yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifo a esiane ne nkonyaayi no nti, Samariafo pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ odi mu. 10 Eyi maa nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa gyee no too mu kae se, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no ‘Ɔkɛse’ no? 11 Esiane ne nkonyaa a na oyi no nti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii n’akyi. 12 Bere a saa nnipa yi gyee Asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din no ho dii no, wɔbɔɔ mmarima ne mmea nyinaa asu. 13 Simon nso gye dii ma wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔe no, Simon dii n’akyi. Anwonwade a ohui no maa ne ho dwiriw no.

14 Bere a asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. 15 Woduu hɔ no, wɔbɔɔ mpae maa gyidifo no sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron bɛba wɔn so. 16 Efisɛ, saa bere no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so. 17 Afei Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.

18 Simon hui sɛ asomafo no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛma wonyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ, 19 “Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa begu no so no anya Honhom Kronkron no bi.” 20 Petro ka kyerɛɛ no se, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, efisɛ, wususuw sɛ wubetumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛde no. 21 Wunni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadi yi mu, efisɛ, wo koma mu ntew wɔ Onyankopɔn anim. 22 Sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho na bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne mfiri wo. 23 Mihu sɛ anibere bɔne ahyɛ wo koma mu ama bɔne afa wo domum.

24 Simon srɛɛ Petro ne Yohane se, “Mommɔ mpae mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.”

25 Ansa na Petro ne Yohane redu Yerusalem no, wɔkaa Asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.

Filipo ne Etiopiani no

26 Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Filipo se, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafo kwan a efi Yerusalem kɔ Gasa no so.” 27 Bere a Filipo rekɔ no, ohyiaa Etiopiani bi a ɔyɛ Etiopiahemmea Kandake dabeni. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem a ɔte ne teaseɛnam mu resan n’akyi akɔ fie. 28 Na ɔrekenkan odiyifo Yesaia nhoma no.

29 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo se, “Twiw bɛn no.”

30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan odiyifo Yesaia nhoma no no, obisae se, “Wote nea worekenkan yi ase anaa?”

31 Dabeni no buaa no se, “Mɛyɛ dɛn na mate ase? Gye sɛ obi kyerɛ me ase.” Afei ɔka kyerɛɛ Filipo se ɔmforo mmɛtra ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu. 32 Na dabeni no rekan saa kyerɛwsɛm yi. “Ɔte sɛ oguan a wɔde no rekɔ akokum no ne oguammaa a wɔreyi ne ho nwi a watɛm dinn; wammue n’ano. 33 N’animguase mu wannya odimafo. Obi ntumi nkyerɛ n’ase, efisɛ, ne nkwanna wɔ asase yi so atwa tiaa.” 34 Dabeni no bisaa Filipo se, “Odiyifo no reka ne ho asɛm anaa obi foforo ho asɛm?”

35 Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no.

36 Wɔrekɔ no, woduu asu bi ho. Dabeni no ka kyerɛɛ Filipo se, “Nsu ni. Dɛn na esiw wo kwan sɛ wobɔ me asu?” 37 Filipo ka kyerɛ no se, “Sɛ wufi wo koma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Dabeni no buaa no se, “Migye di. Migye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.”

38 Dabeni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinae. Ɔne Filipo kɔɔ nsu no ho ma ɔbɔɔ no asu. 39 Wofi nsu no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo fii dabeni no nkyɛn kɔe. Wanhu Filipo bio de nanso ɔde anigye toaa n’akwantu no so. 40 Filipo kopuee Asoto kɔɔ so kaa Asɛmpa no wɔ nkurow no mu kosii sɛ okoduu Kaesarea.