Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
A new Bible Gateway experience is here. Spot something unexpected? Tell us what needs a closer look.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Study resources + Scripture = deeper understanding.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Asomafo 21  Nkwa Asem

Paulo kɔ Yerusalem

21 Yɛne Efeso asafo mpanyimfo no dii ntetewmu no, yesiim nam nsu ani tee kɔɔ Ko. Ade kyee no, yekoduu Rodo na yefii hɔ kɔɔ Patara. 2 Yenyaa hyɛn bi a ɛrekɔ Foinike kɔtenaa mu kɔe. 3 Yeduu baabi a yɛn ani tua Kipro no, yetwaa ho wɔ benkum fam kɔɔ Siria. Yesii fam wɔ Tiro, efisɛ, na ɛhɔ na wɔrekoyi hyɛn no mu nneɛma. 4 Yehuu asuafo bi wɔ hɔ tenaa wɔn nkyɛn dii nnawɔtwe. Asuafo no nam Honhom Kronkron adiyi so bɔɔ Paulo kɔkɔ se ɔnnkɔ Yerusalem. 5 Nanso bere dui sɛ ɛsɛ sɛ yefi hɔ no, yegyaw wɔn hɔ kɔe. Asuafo no nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma kogyaa yɛn kwan koduu mpoano. Yeduu hɔ no, yɛn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae. 6 Afei yɛkrakraa yɛn ho yɛn ho wiei no, yɛkɔtenaa hyɛn no mu maa wɔn nso san kɔɔ fie.

7 Yefi Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantu no so faa nsu ani koduu Ptolemai. Yeduu hɔ no, yekokyiaa asuafo a wɔwɔ hɔ no dii wɔn nkyɛn da koro.

8 Ade kyee no, yefii hɔ kɔɔ Kaesarea. Yeduu hɔ no, yɛkɔɔ ɔsɛmpakafo Filipo a na ɔka mmarima baason a woyii wɔn wɔ Yerusalem no ho no fi kɔtenaa ne nkyɛn. 9 Na Filipo wɔ mma mmabun baanan bi a na wɔhyɛ nkɔm.

10 Yɛtenaa hɔ kyɛe kakra no, odiyifo bi a wɔfrɛ no Agabo fi Yudea baa hɔ. 11 Ɔbaa faako a yɛwɔ no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyeree ne nan ne ne nsa kae se, “Asɛm a Honhom Kronkron ka ni, ‘Sɛnea Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no bɛkyekyere onipa a abɔso yi yɛ ne de no na wɔde no ahyɛ Amanamanmufo no nsa ni!” 12 Yɛtee saa asɛm yi no, yɛne wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Paulo se ɔnnkɔ Yerusalem.

13 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Osu a moresu de hyɛ me awerɛhow yi ase ne dɛn? Me de masiesie me ho sɛ ɛnyɛ kyekye a wɔbɛkyekyere me wɔ Yerusalem no na misuro, na sɛ etwa sɛ miwu mema Awurade Yesu a, mewu.” 14 Yɛkae, kae a wampene no, yegyae kae se, “Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.” 15 Nna bi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho fii hɔ kɔɔ Yerusalem. 16 Kaesarea asuafo no bi ne yɛn kɔe. Yeduu hɔ no, yɛkɔsoɛɛ Mnason a ofi Kipro a ogyee Yesu Kristo dii akyɛ no fi.

Paulo kɔsra Yakobo

17 Yeduu Yerusalem no, asuafo a wɔwɔ hɔ no nyinaa gyee yɛn fɛw so.

18 Ade kyee no, Paulo ne yɛn kokyiaa Yakobo ne Yerusalem asafo no mu mpanyimfo. 19 Nkyia no akyi no, Paulo kaa biribiara a Onyankopɔn nam ne som no so ayɛ wɔ Amanamanmufo no mu no kyerɛɛ wɔn.

20 Wotiee Paulo amanneɛbɔ no wiei no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Afei wɔka kyerɛɛ no se, “Onua, w’ankasa wudi adanse sɛ Yudafo mpempem na na wɔabɛyɛ asuafo a wɔn nyinaa nso di yɛn mmara no so. 21 Saa nnipa yi ate sɛ wutia Mose mmara no ne Yudafo amanne; ɛne sɛ, wokyerɛkyerɛ Yudafo a wɔte Amanamanmufo no mu sɛ wonntwa wɔn mma twetia na wonnni yɛn amanne nso so. 22 Nea ɛbɛyɛ biara wɔbɛte sɛ woaba ha. Enti afei yɛbɛyɛ no dɛn?

23 “Yɛ nea yɛrebɛka akyerɛ wo yi. Mmarima baanan bi wɔ yɛn nkyɛn ha a, wɔresiesie wɔn ho ama amanne ho bɔhyɛ. 24 Wo ne wɔn nkɔ na monkodwira mo ho na tua ho ka ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi atwitwa wɔn ti nwi. Eyi bɛma obiara ahu sɛ nsɛm a wɔte faa wo ho no mu biara nyɛ nokware, efisɛ, w’ankasa mpo, wudi Mose mmara no so. 25 Amanamanmufo a wɔabɛyɛ asuafo no de, yɛakyerɛw akɔma wɔn akyerɛ gyinae a yɛasi sɛ, wonnni aduan biara a wɔde abɔ afɔre ama abosom; wonnni mogya; wonnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na owui; na afei nso wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho.”

26 Ade kyee no, Paulo ne mmarima no kodwiraa wɔn ho. Ɔne wɔn kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛɛ da a wɔbewie wɔn ahodwira no ne da a wɔbɛbɔ afɔre ama wɔn mmaako mmaako.

Wɔkyere Paulo

27 Nnanson no reyɛ atwam no, Yudafo bi a wofi Asia huu Paulo wɔ asɔredan mu hɔ, hwanyan nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ma wɔkyeree Paulo. 28 Wɔteɛteɛɛm se, “Israel mmarima, monsɔre mmɛboa yɛn! Oyi ne ɔbarima a baabiara a ɔbɛkɔ no ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so tia Israelfo, Mose mmara ne asɔredan yi. Mpo ɔde Amanamanmufo bi aba ha de agu Kronkrommea ha ho fi.” 29 Nea ɛma wɔkaa saa asɛm yi ne sɛ, na wɔahu Paulo ne Efesoni Trofimo wɔ kurom hɔ enti na wosusuw sɛ Paulo de no akɔ asɔredan mu hɔ.

30 Wɔtee saa asɛm yi no, kurow mu no nyinaa bɔɔ twi, kɔkyeree Paulo, twee no fii asɔredan no mu hɔ. Ɛhɔ ara, wɔtotoo asɔredan no apon no nyinaa mu. 31 Bere a dɔm no pɛe sɛ wokum Paulo no obi kɔka kyerɛɛ Roma asraafo apem so safohene no se, basabasa asi Yerusalem. 32 Amonom hɔ ara, ɔsafohene no ne asraafo mpanyin bi ne asraafo bi de ahoɔhare kɔɔ nea dɔm no ahyia hɔ. Bere a nnipa no huu no ne asraafo no no, wogyaee Paulo hwe. 33 Ɔsafohene no kosoo Paulo mu, kyerɛe sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no. Afei obisae se, “Hena ne saa ɔbarima yi? Bɔne bɛn na wayɛ?” 34 Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkoro; ebinom ka sɛɛ a, na afoforo nso aka sɛɛ. Saa basabasa yi amma ɔsafohene no antumi anhu asɛm pɔtee a asi. Ɛno nti, ɔhyɛɛ n’asraafo no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu. 35 Wɔde Paulo duu atrapoe no ano no, dɔm no bɔ toaa no enti asraafo no tam no kɔe. 36 Dɔm no tu dii wɔn akyi teɛteɛɛm se, “Munkum no!”

Paulo yi ne ho ano

37 Wɔde Paulo rekɔ aban mu no, obisaa ɔsafohene no se, “Mesrɛ wo, metumi maka asɛm bi makyerɛ wo anaa?” Ɔsafohene no nso bisaa no se, “Enti wote Hela kasa? 38 Ɛnyɛ wo ne Misraimni a da bi ofii basabasayɛ ase dii mmarima awudifo mpemnan anim kɔɔ sare so no?”

39 Paulo buaa no se, “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso; Kilikia kurow a agye din no mu nipa ne me. Mesrɛ wo, ma me ho kwan na me ne nnipa no nkasa.”

40 Ɔsafohene no maa Paulo kwan ma ogyinaa atrapoe no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Hebri kasa mu se:

Next
Asomafo 20
Asomafo 22
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway