Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
One verse. Every morning. Get the free Verse of the Day email.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Understand more as you read. Try Bible Gateway Plus.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Asomafo 20  Nkwa Asem

Paulo fi Efeso

20 Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafo no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn fii hɔ kɔɔ Makedonia. 2 Okyinkyin saa amantam no mu tuu asuafo no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, obeduu Hela. Odii hɔ abosom abiɛsa. 3 Bere a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafo no abɔ ne ho pɔw; enti ɔsan n’akyi kɔfaa Makedonia kɔe.

4 Piro a ofi Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔe. Wɔn a wɔka ne ho kɔe no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wofi Tesalonika ne Gaio a ofi Derbe ne Timoteo ne Tihito ne Trofimo a wofi Asiaman mu no. 5 Saa nnipa yi dii kan kɔtwɛn yɛn wɔ Troa. 6 Yedii Apiti Afahyɛ no wiei no, yefii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnawɔtwe wɔ hɔ.

Paulo nyan Eutiko

7 Nnawɔtwe no mu da a edi kan no, yehyiaam sɛ anuanom didii. Esiane sɛ na ade kye a Paulo befi kurow no mu no nti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kosii ɔdasum. 8 Na akanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wɔ hɔ no mu. 9 Bere a Paulo rekasa no, na aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdae hatee ma ofii abansoro dan a ɛto so abiɛsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu. 10 Paulo sian baa fam, kobutuw ne so, maa no so kae se, “Munnsuro, efisɛ, onwui!” 11  Afei ɔsan foro kɔɔ abansoro no so kobubuu abodoo ne asuafo no dii. Paulo toaa ne kasa no so kosii adekyee ansa na ɔregyaw wɔn hɔ. 12 Anuanom no de anigye de aberante a wonyanee no no kɔɔ fie.

Paulo kɔ Mileto

13 Yɛde hyɛn dii kan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, efisɛ, na waka akyerɛ yɛn se ɔrefa fam akɔ hɔ. 14 Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene. 15 Ade kyee no, yekoduu Kio. Ne nnanu so no, yebeduu Samo; na n’adekyee no, yebeduu Mileto.

16 Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ, sɛ ebetumi a obedu Yerusalem akodi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrennyina Efeso sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia. 17 Paulo soma fii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanyimfo no se wonhyia no.

18 Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Efi da a edi kan a mebaa Asia no, munim ɔkwan a mefaa so ne mo tenae. 19 Ɛwom sɛ ɛnam Yudafo no pɔwbɔ so ma mihuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛase ne nisu yɛɛ m’adwuma sɛ Awurade somfo. 20 Munim sɛ bere a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ guam ne afi mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfaso no anhintaw mo. 21 Mebɔɔ Yudafo ne Amanamanmufo no kɔkɔ se wɔntwe wɔn ho mfi wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wonnye Yesu Kristo nni.

22 “Afei esiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no nti, merekɔ Yerusalem a minnim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ. 23 Nea minim ara ne sɛ, Honhom Kronkron abɔ me kɔkɔ se kurow biara a mɛkɔ mu no, wɔde me bɛto afiase na mahu amane. 24 Sɛnea ɛbɛyɛ a metumi madu botae a esi m’anim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no nti, mammu me kra sɛ ade a ɛsom bo.

25 “Minim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm makyerɛ mo no mu biara renhu me bio. 26 Ɛno nti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo se, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na emfi me. 27 Efisɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biara anhintaw mo.

28 Monhwɛ mo ho so ne nguankuw a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfo no yiye. Monhwɛ wɔn yiye, efisɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. 29 Minim sɛ me kɔ akyi no, atoro akyerɛkyerɛfo a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bewura mo mu abɛsɛe mo. 30 Bere bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atoro so atwe asuafo no mu bi adi wɔn akyi. 31 Ɛno nti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirihyia abiɛsa a midii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yaw mu tuu mo fo awia ne anadwo.

32 “Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a etumi hyɛ mo gyidi den na ɛma munya n’agyapade a wasiesie ama ahotefo no nsa.

33 “M’ani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntama. 34 Mo ara mudi adanse sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. 35 Mede m’abrabɔ ayɛ nhwɛso akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafo na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kae se, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sen ogye.’ “

36 Paulo kasa wiei no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae. 37 Wɔn nyinaa sui, bam no, maa no nantewye. 38 Nea ɛyɛɛ wɔn awerɛhow koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔrenhu no bio no. Afei wɔn nyinaa kogyaa no hyɛn no mu.

Next
Asomafo 19
Asomafo 21
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway