Add parallel Print Page Options

Abun a ase nni awiei

Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto. Mihuu nsoromma a watew fi soro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebun a ase nni awiei safe. Nsoromma no buee ebun no, na wusiw kumɔnn fi mu sɛ fononoo kɛse bi, na wusiw no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm.

Mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ nkekantwɛre. Wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnnsɛe sare anaa nnua anaa afifide biara. Na mmom nnipa a Onyankopɔn nsɔwano no bi nni wɔn moma so no de, wotumi haw wɔn. Wɔamma saa mmoadabi no kwan sɛ wonkunkum saa nnipa yi. Na mmom wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnhaw wɔn abosom anum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yaw no te sɛ akekantwɛre ano yaw. Saa abosom anum no mu no, saa nnipa no bɛpere owu, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan afi wɔn nkyɛn.

Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. Wɔn tinhwi te sɛ mmea tinhwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se. Wɔde biribi te sɛ dade nkatabo akatakata wɔn bo. Na nnyigyei a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ pii a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. 10 Wɔwɔ bɔre dua te sɛ akekantwɛre. Na wɔn dua no nti na na wɔwɔ tumi a wɔde haw nnipa abosom anum no. 11 Wɔwɔ ɔhene a odi wɔn so a ɔno ne ɔbɔfo a ɔhwɛ bun no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de Abadon ɛnna Hela kasa mu nso ɛde Apolion, a n’asekyerɛ ne “Ɔsɛefo.”

12 Ɔhaw baako atwam. Eyi akyi, ɔhaw abien bi bɛba.

Ahohommɔne anan no

13 Afei ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛn ne torobɛnto. Metee nne bi fii sikakɔkɔɔ afɔremuka a esi Onyankopɔn anim no ntweaso nyinaa. 14 Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a okita torobɛnto no se, “Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten Eufrate ho no.” 15 Wɔsansanee abɔfo baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwerew yi, saa da yi, saa bosom yi ne saa afe yi sɛ wonkunkum adasamma mu nkyɛm abiɛsa mu baako. 16 Wodii akodɔm ɔpepem ahanu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodow no ho amanneɛ ma metee.

17 Na m’anisoadehu no mu no, mihuu apɔnkɔ no ne wɔn kafo. Na wɔn nkatabo no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm sɛ afasebiri ɛnne akokɔsrade sɛ sɔfere. Na apɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti a ogya, wusiw ne sɔfere fi wɔn anom. 18 Saa ɔhaw ahorow abiɛsa no a ɛyɛ ogya, wusiw ne sɔfere no a efi apɔnkɔ no anom bae no kum adasamma nkyɛm abiɛsa mu baako. 19 Efisɛ, na apɔnkɔ no tumi nyinaa fi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa.

20 Adasamma a wɔkae no a ɔhaw no ankum wɔn no antwe wɔn ho amfi wɔn nnwuma ho. Wɔannyae ahohommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowa ne abo ne nnua a enhu ade na ɛnte asɛm na entumi nnantew no som. 21 Saa ara nso na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn korɔn mu.