Add parallel Print Page Options

Nsɔwano

Afei mihui sɛ Oguammaa no abue nsɔwano ason no mu nea edi kan ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ apranaa reka se, “Bra!”

Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no kita agyan na wɔmaa no ahenkyɛw. Ɔkɔe sɛ nkonimdifo kodii nkonim.

Afei Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so abien no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no reka se, “Bra!”

Ɔpɔnkɔ foforo a ɔyɛ kɔkɔɔ bae. Wɔmaa nea ɔte ne so no tumi sɛ ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no nkrante kɛse bi.

Afei Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so abiɛsa no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafo no kita nsania abien. Metee biribi te sɛ nne bi fi ateasefo baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Awi susukora yɛ da koro akatua, ɛnna aburow susukora abiɛsa nso yɛ da koro akatua. Nanso, nsɛe ngo no ne nsa no!”

Afei Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so anan no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no reka se, “Bra!” Mehwɛe na mihuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefo no din Owu a Asaman di akyiri pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛm anan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkum wɔn.

Afei Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so anum no ano. Mihuu afɔremuka bi na ase na wɔn a wokum wɔn wɔ asɛnka no ho na wɔde gyidi dii adanse no akra wɔ. 10 Wɔde nne a ano yɛ den kae se, “Otumfoɔ Awurade, ɔkronkronni ne nokwafo! Woretwɛn akosi da bɛn ansa na woabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn na woatwe wɔn aso sɛ wokunkum yɛn?” 11 Wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntwɛn kakra kosi sɛ wobekum wɔn nuanom asomfo abɛka wɔn ho.

12 Na mihui sɛ Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so asia no ano. Na asasewosow a ano yɛ den bae maa owia yɛɛ tumm sɛ tuntum, na ɔsram yɛɛ kɔɔ sɛ mogya. 13 Na nsoromma tetew fi soro bɛhwee asase so te sɛ nea mframa a ano yɛ den bɔ akutu bun ma ɛtew gu fam pɛ. 14 Ɔsoro yerae te sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw, ne nsupɔw fii wɔn atenae. 15 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu. 16 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw no ne abotan no se, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔte ahengua no so no ani nhu yɛn na yemfi Oguammaa no abufuw ano. 17 Wɔn abufuw no da kɛse adu, na hena na obetumi agyina ano?”