Add parallel Print Page Options

Aseda dwom

136 Monna Awurade ase efisɛ oye; n’adɔe wɔ hɔ daa. Monna nea ɔso sen anyame nyinaa no ase; n’adɔe wɔ hɔ daa. Monna awuranom mu tumfoɔ no ase; n’adɔe wɔ hɔ daa. ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade; n’adɔe wɔ hɔ daa. Ne nyansa mu na ɔbɔɔ ɔsoro; n’adɔe wɔ hɔ daa. Ɔbɔɔ asase wɔ nsu a emu ware so; n’adɔe wɔ hɔ daa. Ɔbɔɔ owia ne ɔsram, n’adɔe wɔ hɔ daa. Owia sɛ ɔnhyɛ adekyee so; n’adɔe wɔ hɔ daa; na ɔsram ne nsoromma nhyɛ anadwo so; n’adɔe wɔ hɔ daa. 10 Okum Misraimfo mmakan; n’adɔe wɔ hɔ daa. 11 Odii Israelfo anim fii Misraim; n’adɔe wɔ hɔ daa. 12 Ɔnam ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a tumi wɔ mu no so; n’adɔe wɔ hɔ daa. 13 Ɔpaee ɛpo Kɔkɔɔ no mu; n’adɔe wɔ hɔ daa. 14 Odii ne nkurɔfo anim ma wɔfaa mu; n’adɔe wɔ hɔ daa. 15 Nanso ɔmaa nsu no faa Misraimhene ne n’asraafo; n’adɔe wɔ hɔ daa.

16 Odii ne nkurɔfo anim wɔ sare no so; n’adɔe wɔ hɔ daa. 17 Okum ahene atumfoɔ; n’adɔe wɔ hɔ daa. 18 Okum ahene a wɔagye din; n’adɔe wɔ hɔ daa. 19 Amorihene, Sihon; n’adɔe wɔ hɔ daa; 20 ne Basanhene, Og; n’adɔe wɔ hɔ daa. 21 Ɔde wɔn nsase maa ne nkurɔfo; n’adɔe wɔ hɔ daa. 22 Ɔde maa Israel ne somfo; n’adɔe wɔ hɔ daa.

23 Wodii yɛn so nkonim no, ne werɛ amfi yɛn; n’adɔe wɔ hɔ daa. 24 Ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam; n’adɔe wɔ hɔ daa.

25 Ɔma ɔteasefo biara aduan; n’adɔe wɔ hɔ daa. 26 Monna ɔsorosoro Nyankopɔn no ase; n’adɔe wɔ hɔ daa.