Add parallel Print Page Options

Anyansafo a wofi apuei no

“Mummmu ntɛn, na afoforo ammu mo ntɛn. Nea mode yɛ afoforo no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo. Adɛn na woma ɔbo ketewaa a ɛda wo nua ani so no haw wo, bere a ɔbo kɛse da wo de so? Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minyi bosea a ɛda w’ani so no mma wo,’ wɔ bere a, ɔbo kɛse da w’ani so? Onipa huuhuu: Di kan yi ɔbo a ɛda w’ani so no ansa na woatumi ahu wo nua de ayi ama no.

“Mommfa nea ɛho tew mma akraman. Saa ara na monntow mo nhene pa ngu mprako anim! Wobetiatia so na wɔadan wɔn ho atow ahyɛ mo so.

Bisa, hwehwɛ, pem

“Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo. Na obiara a obisa no, onya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no. Na hena na ne ba bisa no abodoo a, ɔbɛma no ɔbo? 10 Anaasɛ obisa no nsumnam a, ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da! 11 Na sɛ mo a, mo koma yɛ den a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo agya a ɔwɔ soro no mfa nnepa mma ne mma a wobisa no no?

12 “Enti sɛnea mmara no ne adiyifo no ka no, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.

Ɔkwan hihiaa no

13 “Ɔkwan hihiaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ soro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no so trɛw, na n’apon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔpɛ sɛ wɔfa so kɔ ɔsɛe mu no. 14 Ɔpon a wowura mu de kɔ nkwa mu no yɛ ketewaa, na ɔkwan a wɔfa so no nso yɛ teaa, na nnipa kakraa bi na wohu fa so.

15 “Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn ahobrɛase mu sɛ nguan, nanso wɔyɛ mpataku a wonya mo a, wɔbɛtetew mo pasaa no ho. 16 Wɔn nneyɛe na mode behu wɔn, sɛnea mutumi de dua bi aba hu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi mfa kokora nyɛ bayerɛ; saa ara nso na worentumi mfa kwaeborɔfere nyɛ borɔfere. 17 Dua a ɛwɔ nnyinaso pa no tumi sow aba pa; na dua a enni nnyinaso pa no nso sow aba bɔne. 18 Dua a ɛwɔ ahoɔden no ntumi nsow aba a enye, ɛnna dua a enni ahoɔden no nso ntumi nsow aba a eye. 19 Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa, de gu gya mu, hyew. 20 Onipa nneyɛe na ɛma yehu ne suban. Saa ara nso na dua bi aba a ɛsow no na ɛma yɛde hu sɛ ɛyɛ dua pa anaa dua bɔne.

21 “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade,’ ‘Awurade’, no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu. 22 Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade ahorow.’ 23 Na mabua wɔn se, ‘Minhuu mo da, na minnim mo nso. Nnebɔneyɛfo, mumfi ha nkɔ!’

24 “Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so.

25 Sɛ osu tɔ, na osuframa bɔ, na nsu yiri, na emu biara ka ɔdan no a, ɛremmu da, efisɛ, wosi sii ɔbotan so.

26 “Nanso wɔn a wotie nea meka na wonni so no yɛ nkwaseafo. Wɔte sɛ obi a osii ne dan sii anhwea so. 27 Sɛ osu tɔ, na osuframa bɔ, na nsu yiri, na emu biara ka ɔdan no a, ebedwiriw agu fam abubu pasaa.”

28 Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wotiee no no nyinaa ho dwiriw wɔn, 29 efisɛ, ɔkyerɛkyerɛe sɛ obi a okita tumi, na ɛnyɛ nea mmara no akyerɛkyerɛfo no kyerɛ no.