Add parallel Print Page Options

Mmea a wodii Yesu akyi

Eyi akyi no, Yesu ne n’asuafo dumien no kyinkyinii Galilea nkurow ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm. Ɔrekɔ no, nnipa a na wodi n’akyi no bi ne Maria Magdalene a otuu ahohommɔne ason fii ne mu no, ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode fi sohwɛfo panyin yere, ne Susana. Saa mmea yi ne afoforo bi na wofii wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne n’asuafo.

Okuafo gu aba

Da bi a nnipa bebree bi fi nkurow nkurow so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abebu mu se,

“Da bi, okuafo bi kɔɔ n’afum koguu aba. Ogui no, aba no bi koguu kwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa bɛsosɔwee. Ebi nso koguu abotan so, enti efifii no, ankyɛ na ne nyinaa hyewee, efisɛ, annya nsu. Aba no bi nso koguu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no na ewui. Ebi nso koguu asase pa mu, enyinii, sow aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa eyi no, ɔka kaa ho se, “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”

Na n’asuafo no bisaa no saa abebu yi ase no, 10 obuaa wɔn se, “Mo de, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm ama mo, na afoforo de, wɔkasa kyerɛ wɔn abebu mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ nanso wɔrenhu na wɔbɛte nanso wɔrente ase.

Abebu no asekyerɛ

11 “Afei abebu no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm. 12 Aba a eguu kwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam behwim fi wɔn koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennye nni na wɔrennya nkwagye. 13 Aba a eguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigye so mu nanso entim wɔn mu. Na esiane wɔn gyidi a esua no nti, ɛnkyɛ na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa abaw. 14 Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wodi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne wiase afɛfɛde nti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛnea ɛsɛ.

15 Aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde koma pa tie asɛmpa no, na wodi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanse.

Kanea ho bɛ

16 “Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutuw so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. 17 Nea ahintaw no bɛda adi, na nea ɛwɔ kokoam no nso ada gua. 18 Enti nea mutie no, muntie no yiye. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na nea onni ahe bi no, nea osusuw sɛ ɛyɛ ne de no mpo, wobegye afi ne nsam.”

Yesu ne na ne ne nuanom

19 Da bi, Yesu ne na ne ne nuanom pɛe sɛ wɔne no kasa nanso esiane nnipakuw a na wɔatwa ne ho ahyia no nti, wɔantumi ne no ankasa. 20 Obi kɔka kyerɛɛ Yesu se, ne na ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no. 21 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me na ne me nuanom ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”

Yesu brɛ ahum ase

22 Da bi a Yesu ne n’asuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.” Wosiim a wɔrekɔ no, 23 Yesu dae. Saa bere no ara mu, ahum kɛse bi tui maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛe sɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tui yiye.

24 Asuafo no de hu ne nteɛteɛm nyanee no se, “Awurade, Awurade, yɛremem!” Amonom hɔ ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

25 Afei obisaa wɔn se, “Adɛn na munni gyidi?” Wɔn nyinaa suroe de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn ni a ahum ne asorɔkye mpo tie no yi?”

Yesu tu ɔbarima bi ahohommɔne

26 Yesu ne n’asuafo no twaa po no beduu Gerasefo asase a ɛne Galilea di nhwɛanim no so. 27 Yesu fi ɔkorow no mu sii fam pɛ, ɔbarima bi a ahohommɔne ahyɛ no ma akyɛ a ɔda adagyaw na ɔnte fie, na mmom ɔte amusiei a aboda mu na ɔdeda no behyiaa no. 28 Ohuu Yesu no, ɔteɛɛm, kotow ne nan ase san teɛteɛɛm se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara.”

29 Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ, na Yesu ateɛteɛ ahohommɔne no sɛ womfi ne mu. Saa ahohommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde hama kyekyere ne nsa ne ne nan mpo a, otumi tetew mu ma ahohommɔne no pam no kɔ wuram. 30 Yesu bisaa no se, “Wo din de dɛn?” Obuaa no se, “Ɛdɔm.” Efisɛ na ahohommɔne ahyɛ no ma. 31 Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wonnkogu amanehunu bon no mu.

32 Saa bere no mu na mprako bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho kwan na wɔnkɔhyɛn mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. 33 Enti ahohommɔne no fii ɔbarima no mu kɔhyɛn mprako no mu ma wɔbɔɔ kiridi, sianee bepɔw no koguu ɔtare no mu wuwui. 34 Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no huu nea asi no, wɔde hu ne ahopopo tutuu mmirika kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛwee wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.

35 Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ nea asi. Woduu nea Yesu wɔ no, wohuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ofura ntama te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn. 36 Na wɔn a wohuu ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no yare no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amanneɛ. 37 Ehu hyɛɛ Gerasefo a na wɔahyia hɔ no nyinaa ma ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Eyi nti, Yesu kɔtenaa ɔkorow no mu san twa kɔɔ asuogya hɔ nohɔ.

38 Ansa na Yesu rebefi hɔ no, ɔbarima a otuu ahohommɔne fii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se,

39 “Kɔ na kodi nea Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanse kyerɛ wo manfo.” Ɔbarima no fii hɔ kodii anwonwade a Yesu ayɛ ama no no ho adanse kyerɛɛ kurom hɔfo nyinaa.

Yairo babea

40 Yesu duu asuogya hɔ no, nnipakuw no de anigye hyiaa no kwan, efisɛ, na wɔatwɛn no abrɛ.

41 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin baa ne nkyɛn, bebuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fi 42 na ne babea koro a wadi bɛyɛ mfe dumien reyɛ awu. Bere a Yesu rekɔ no, na nnipakuw no kyere ne so.

43 Ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien a obiara ntumi nsa no yare no, 44 fii Yesu akyi soo n’atade ano. Amonom hɔ ara, mogya a etu no no twae.

45 Yesu bisae se, “Hena na osoo m’atade ano no?” Obiara buae se, ɛnyɛ ɔno. Eyi maa Petro kae se, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.”

46 Yesu buaa no se, “Dabi, obi aso m’atade mu efisɛ, mete nka sɛ tumi bi afi me mu.”

47 Ɔbea no hui sɛ ohintaw a ɛrenyɛ ye, ɛno nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no.

48 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me ba, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoe kɔ.”

49 Yesu gu so rekasa no, obi fii Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, “Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio.”

50 Yesu tee asɛm no, osee Yairo se, “Nsuro, gye di na wo babea no benyan anya nkwa.”

51 Ɔduu fie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara. 52 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu, di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu, onwui na wada.” 53 Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ, na wɔn de, wonim pefee sɛ wawu.

54 Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se, “Me ba, sɔre!” 55 Amonom hɔ ara, ɔsɔree na Yesu kae se wɔmma no biribi nni. 56 N’awofo no ho dwiriw wɔn yiye nanso Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea asi no nnkyerɛ obiara.