Add parallel Print Page Options

Nsamena wo nua

Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn nti na mokɔ abosonsomfo atemmufo anim ma wobu mo atɛn bere a anka ɛsɛ sɛ moma Onyankopɔn nkurɔfo siesie mo ntam? Munnim sɛ Onyankopɔn nkurɔfo na wobebu wiase atɛn? Na sɛ, ɛsɛ sɛ mubu wiase atɛn a, morentumi mmu nsɛm nketenkete atɛn? Munnim sɛ yebebu abɔfo atɛn? Mpɛn ahe na yemmu asetena mu nneɛma atɛn? Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wonni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie? Ɛyɛ animguase ma mo! Minim yiye sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafo baako bi wɔ mo mu a obetumi adi onua ne onua ntam asɛm. Ɛsɛ sɛ wɔfa saa kwan yi so no, onua de onua kɔ asennii ma wɔn a wonni gyidi di, bua asɛm no.

Sɛ mutumi de mo ho mo ho kɔ asennii a, na ɛkyerɛ sɛ moadi nkogu. Adɛn nti na mompɛ sɛ obi yɛ mo bɔne? Enye sɛ obi besisi mo? Nanso mo ara mutwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo.

Mo ara munim sɛ ɔdebɔneyɛfo no renkɔ Onyankopɔn ahenni no mu. Munnsisi mo ho mo ho; mo a mo suban nye, anaa mo a mosom ahoni, anaa aguamammɔfo anaa mmarima a wɔne mmarima da, 10 anaa asisifo, anaa aniberefo, anaa akɔwensafo, anaa mo a mosɛe afoforo din, anaa akorɔmfo no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn ahenni no mu. 11 Na mo mu bi te saa. Nanso wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu nti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.

12 Obi se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ nea mepɛ.” Ɛwom saa; nanso ɛnyɛ biribiara na eye ma wo. Metumi aka se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho kwan ma ɛmfa me akoa. 13 Obi foforo nso bɛka se, “Aduan wɔ hɔ ma yafunu na yafunu nso wɔ hɔ ma aduan.” Ɛyɛ nokware; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awiei. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne nipadua yɛ bɔne, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, na Awurade nso som nipadua no. 14 Onyankopɔn maa Awurade sɔre fii awufo mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afi awufo mu.

15 Munim sɛ mo nipadua no yɛ Kristo nipadua no fafa bi. Memfa Kristo nipadua fa bi minsi obi a ɔbɔ aguaman nipadua ananmu anaa? Ɛrenyɛ ye. 16 Anaa ebia na munnim sɛ onipa a ɔde ne nipadua fa bi si oguamanfo de anan mu no nso bɛyɛ oguamanfo? Kyerɛwsɛm no da no adi se, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ nipadua koro.” 17 Nanso onipa a ɔde ne ho bata Awurade ho no ne no yɛ baako honhom mu.

18 Mommmɔ aguaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne nipadua no, nanso onipa a ɔbɔ aguaman no sɛe ɔno ankasa ne nipadua. 19 Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Honhom Kronkron no asɔredan a ɔte wo mu a Onyankopɔn na ɔde maa wo? Woyɛ Onyankopɔn dea; 20 ɔtɔɔ wo bo bi. Enti fa wo nipadua no hyɛ Onyankopɔn anuonyam.