Add parallel Print Page Options

Pentekoste da

Petenkoste da no dui no, na asuafo no nyinaa ahyia wɔ faako. Amonom hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi soro bae bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma. Ogya a ɛredɛw a ɛte sɛ tɛkrɛma besisii wɔn so mmaako mmaako. Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma ma wɔkaa kasa foforo.

Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem. Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kasa.

Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo anaa? Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ Partifo, Medifo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia, 10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene ne ahɔho a wɔfi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu, 11 Kretafo ne Arabifo mu biara kasa mu yi?”

12 Wɔde ahodwiriw bisae se, “Eyi ase ne dɛn?”

13 Afoforo nso dii wɔn ho fɛw se, “Saa nnipa yi abobow nsa.”

Petro kasa kyerɛ dɔm no

14 Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneenen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi. 15 Saa nnipa yi mmobow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ, ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow. 16 Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se, 17 ‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no, mehwie me Honhom Kronkron no magu nnipa nyinaa so. Mo mmammarima ne mo mmammea bɛhyɛ nkɔm, ama mo mmerante nso ahu anisoade. Na mo mpanyin nso asoso adae. 18 Saa mmere no mu no, mehwie me Honhom Kronkron no agu me nkoa ne me mfenaa mpo so ama wɔahyɛ nkɔm. 19 Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn bɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne wɔ ɔsoro ne asase so. 20 Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya. 21 Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.’

22 “Israelfo, muntie! Yesu Nasaretni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a obedii no daa adi wɔ tumi ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a Onyannkopɔn nam no so yɛe a mo ankasa di ho adanse no mu. 23 Onyakopɔn ankasa fi ne pɛ ne ne nhumu mu sii no gyinae se wobeyi Yesu ama mo nanso mode no maa nnebɔneyɛfo ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kum no. 24 Nanso Onyankopɔn nyanee no fii owu mu ma oyii no fii owuyaw mu, efisɛ, owu antumi anni ne so.

25 “Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, ‘Mihu Awurade wɔ m’ani so daa nyinaa; ɔwɔ me nifa nti biribiara ntumi nhaw me.

26 “Eyi nti, me kra ani gye na anigye hyɛ me nsɛm ma. Na anidaso mu na mɛtena ase.

27 “Efisɛ, wo Nyankopɔn, wurennyaw me awufo mu. Na woremma wo somfo pa mporɔw.

28 “Woakyerɛ me nkwagye kwan na wobɛma m’ani agye wɔ w’anim’.

29 “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda m’adwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne da da so wɔ hɔ besi nnɛ. 30 Na ɔyɛ odiyifo a onim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni bi ɔhene sɛnea Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. 31  Dawid huu nea Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔre a ɛfa Agyenkwa no ho se, ‘Wɔannyaw no amma asaman, ne honam amporɔw.’ 32 Onyankopɔn anyan saa Yesu yi afi owu mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefo.

33 “Wɔahyɛ no anuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnne na muhu na mote yi.

34 “Dawid ankasa de, wankɔ soro na mmom ɔkae se, ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se tena me nsa nifa so ha, 35 kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.’

36 “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”

37 Bere a nnipa no tee saa asɛm yi no ɛhaw wɔn yiye. Enti wobisaa Petro ne asomafo a aka no se, “Anuanom, dɛn na yɛnyɛ?”

38 Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne befiri mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no. 39 Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”

40 Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn se, “Munnye mo ho mfi asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfo yi so no mu.” 41 Wɔn mu dodow no ara gyee asɛm no dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa gyidifo no ho. 42 Daa na wɔde wɔn adagyew nyinaa sua asomafo no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia bubuu abodoo ne wɔn bɔɔ mpae.

Asafo no asetena

43 Asomafo no yɛɛ anwonwade ahorow bebree maa obiara a ohui no ho dwiriw no.

44 Gyidifo no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa koro na wɔkyekyɛɛ wɔn ahode mu momaa wɔn ho wɔn ho. 45 Wɔtɔn wɔn ahode kyekyɛɛ sika a wonya fii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛho hia obiara. 46 Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigye ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afi mu, kamfo Onyakopɔn, nya anuonyam wɔ nnipa anim. 47 Da biara na Awurade de wɔn a ogye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.