Add parallel Print Page Options

Adansefo baanu no

11 Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ poma, na wɔka kyerɛɛ me se, “Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔredan no ne afɔremuka no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no. Nanso mfa asɔredan no mfikyiri nka ho, efisɛ, wɔde hɔ ama abosonsomfo, na wobetiatia kurow kronkron no so abosom aduanan abien. Mɛsoma m’adansefo baanu a wofurafura ayiasetam, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu.”

Saa adansefo baanu no ne ngodua abien no ne akaneadua abien a esi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no. Ogya fi wɔn anom bekunkum atamfo biara a wɔpɛ sɛ wɔhaw wɔn no. Ɛno nti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔhaw wɔn no, wobekum no. Wɔwɔ tumi sɛ bere a wɔreka Onyankopɔn asɛm no, wɔto soro mu, a osu rentɔ. Wɔwɔ tumi sɛ wɔma nsuten dan mogya. Wɔwɔ tumi sɛ wɔde ɔhaw bɛto asase so mpɛn dodow biara a wɔpɛ.

Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a obefi bun no mu apue no ne wɔn bɛko. Obedi wɔn so akum wɔn, na wɔn amu no agu kurow kɛse no abɔnten so wɔ baabi a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asɛnnua no so no a ɛhɔ din pa de Sodom ne Misraim no. Na nnipa a wofi aman so ne mmusuakuw ne kasa horow ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma kwan mma wonsie wɔn. 10 Asase so nnipa ani begye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wobegye wɔn ani na wɔakyɛ wɔn ho akyɛde efisɛ, saa adiyifo baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofo so.

11 Nnansa akyi no, honhom a efi Onyankopɔn bewura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛse bɛka obiara a obehu. 12 Afei nne a ano yɛ den fi soro bɛka se, “Mommra soro ha.” Na wɔn atamfo rehwɛ wɔn no, wɔnam omununkum mu kɔɔ soro.

13 Saa bere koro no ara mu, asase wosowee denneenen, kurow no nkyɛm du mu baako sɛee, na nnipa mpemnsɔn wuwui wɔ asasewosow no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ soro no kɛseyɛ.

14 Ɔhaw a ɛto so abien no atwa nanso, hwɛ, ɛrenkyɛ na ɔhaw a ɛto so abiɛsa aba.

Torobɛnto a ɛto so ason

15 Afei ɔbɔfo a ɔto so ason hyɛn ne torobɛnto, na nne dennen wɔ soro kae se, “Tumi a wɔde di wiase so mprempren no yɛ yɛn Awurade ne Mesia no de, na obedi hene daa daa.”

16 Afei mpanyimfo aduonu anan a wɔte wɔn ahengua so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, som Onyankopɔn se, “Otumfoɔ Onyankopɔn a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dedaw. 17 Yɛda wo ase sɛ wonam wo tumi kɛse so afiti ase redi hene! 18 Abosonsomfo bo fuwii, efisɛ, bere a ɛsɛ sɛ wo bo fuw no adu a ɛsɛ sɛ wobu awufo atɛn. Bere a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa, adiyifo ne wo nkurɔfo nyinaa a wosuro wo, akɛse ne nketewa no aba so no adu. Bere adu sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”

19 Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ soro no buei ma wohuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei anyinam ne aprannaa paepaee, ɛnna asase wosowee na asukɔtwea pii nso tɔe.