Add parallel Print Page Options

Kɔkɔ a wɔbɔ adefo

Me a meyɛ ɔpanyin no, mitu asafo no mu mpanyimfo fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu no ho adanse nti n’anuonyam a ɛbɛba no bɛka me. Mitu mo fo sɛ, monyɛ nguan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nguanhwɛfo na monhwɛ wɔn yiye sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara na mmom ɔpɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ. Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so na mmom monyɛ nhwɛso pa mma nguan no. Na sɛ Oguanhwɛfo panyin no ba a, wɔbɛma mo anuonyam ahenkyɛw a ɛho nsɛe da.

Saa ara na ɛsɛ sɛ mmabun, mobrɛ mo ho ase ma mpanyimfo. Mo nyinaa mfa ahobrɛase nkatanim mmɔ mo asen na monsom mo ho mo ho efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan na ɔdom ahobrɛasefo.” Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so wɔ bere a ɛsɛ mu.

Momfa mo dadwene ne mo haw nyinaa nto ne so efisɛ, odwen mo ho.

Mo ani nna hɔ; monwɛn efisɛ, mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔm hwehwɛ nea obenya no amene. Momfa gyidi nnyina pintinn nsiw no kwan efisɛ, munim sɛ mo nuanom gyidifo a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa rehu saa amane koro no ara bi.

10 Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim. Ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinaso. 11 Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.

12 Me nua gyidini Silwano na ɔboaa me ma mekyerɛw saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na midi adanse sɛ, eyi yɛ Onyankopɔn adom kann. Munnyina mu dennen.

13 Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyia mo. 14 Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyiakyia mo ho mo ho. Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.