Add parallel Print Page Options

Ayeyi ne aseda

65 O Onyankopɔn, eye sɛ yɛkamfo wo wɔ Sion, na yedi bɔ a yɛhyɛɛ wo no so efisɛ, wutie mpaebɔ. Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa bɛba wo nkyɛn wɔ wɔn bɔne ho. Yɛn bɔne di yɛn so nkonim, nanso wode kyɛ yɛn. Nhyira nka wɔn a wuyi wɔn ma wɔbɛtena wo Kronkron mu Kronkron hɔ. Nneɛma pa a ɛwɔ wo fi hɔ no bɛsɔ yɛn ani, nhyira a ɛwɔ wo fi kronkron hɔ no. Wonam nkonim a woma yedi so bua yɛn, na woyɛ w’anwonwade de gye yɛn nkwa. Nnipa a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa ne wɔn a wɔwɔ ɛpo so akyirikyiri nyinaa de wɔn ho to wo so.

Wonam w’ahoɔden so hyehyɛɛ mmepɔw de kyerɛɛ wo tumi kɛse. Wudwo ɛpo nworoso ne asorɔkye nne. Wudwo nnipa mmobom nso. Wiase nyinaa ho dwiriw no wɔ anwonwade a woayɛ no ho. Nneɛma a woayɛ de ahosɛpɛw fi asase ano kɔ asase ano. Woma osu tɔ gu asase so de kyerɛ wo hwɛ. Woma enya srade na ɛdɔ. Wohyɛ nsuwa nsu ma ma. Woma asase nnɔbae. Sɛnea woyɛ no ni. 10 Wotɔ osu bebree gu asase a wɔafuntum so ma nsu no fɔw no fɔkyee. Wopete nsu gu asase so ma ɛyɛ mmerɛw na ama afifide nkumaa anyin.

11 Nnɔbae a w’adɔe ma no dɔɔso! Baabiara a wobɛkɔ no, pii wɔ hɔ. 12 Wura no mu nso, nguan wɔ hɔ. Anigye wɔ koko no nkyɛn hɔ. 13 Wura no mu yɛ nguan nko. Awi nso ayɛ ɔbon no mu ma tɔ. Biribiara teɛm, to ahosɛpɛw dwom.