Add parallel Print Page Options

Ahohia bere mu anɔpa mpae

O Awurade, nnipa bebree tia me. Nnipa pii pɛ sɛ wɔhaw me. Mewɔ atamfo bebree. Bebree no ara ka se Onyankopɔn remmoa me da. Nanso, Awurade, wone me kyɛm, m’anuonyam ne m’anidaso. Wo nko ara na wubetumi apagyaw me ti a masi no ase aniwu mu no.

Misu mefrɛɛ Awurade, na ɔtee me nka wɔ n’asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu. Metɔ hɔ da, na anadwo no nyinaa, Awurade bɔ me ho ban ma minyan asomdwoe mu.

Ɛwom sɛ mprempren atamfo ɔpedu atwa me ho ahyia de, nanso minsuro. Mesu mafrɛ no se, “Sɔre, O Awurade! Gye me nkwa, o me Nyankopɔn!” Na bobɔ m’atamfo nyinaa abogye. Na bubu nnebɔneyɛfo se.

Efisɛ, nkwagye fi Onyankopɔn. Na ohyira ne nkurɔfo nyinaa.