Add parallel Print Page Options

Ɔtreneeni mpaebɔ

17 O Awurade, tie me sufrɛ na bu atɛn; tie me su na boa me! Tie me mpaebɔ a efi adwene pa mu no. Wubebu me bem efisɛ, wunim ade trenee. Wunim me koma mu. Woaba me nkyɛn anadwo; woahwehwɛ me mu nyinaa na woahu sɛ bɔnepɛ biara nni me mu. Menka bɔne sɛnea afoforo yɛ no. Madi wo mmara so na mapae afi basabasayɛ kwan so. Menam wo kwan so daa, na mentoo kwan.

Mebɔ mpae, O Onyankopɔn efisɛ, wugye me so; enti dan w’ani kyerɛ me, na tie me nsɛm. Da wo dɔ nwonwaso no adi na gye yɛn nkwa; wo nkyɛn mu de, atamfo rentumi nyɛ yɛn hwee. Bɔ me ho ban sɛnea wobɔ w’ani ho ban. Fa me hyɛ wo ntaban nwini no ase fi amumɔyɛfo nsam.

M’atamfo atwa me ho ahyia a awudi wɔ wɔn aniwa mu. 10 Wonni ahummɔbɔ, na wɔkasa ahantan so. 11 Baabiara a mɛfa no, wɔka me ho pɛ sɛ wotwa me hwe fam. 12 Wɔte sɛ agyata a wɔretwɛn me atetew me mu asinasin.

13 Bra, Awurade! Wo ne m’atamfo nni asi na di wɔn so! Fa wo nkrante no gye me fi nnebɔneyɛfo nsam. 14 Gye me fi wɔn a wɔanya nea wɔrehwehwɛ wɔ wiase yi mu nyinaa no nsam. Fa asotwe a woakora ama wɔn no twe wɔn aso. Ma ebi nka mma wɔn mma ne wɔn mma mma!

15 Nanso mehu wo efisɛ, menyɛɛ bɔne biara; na sɛ minyan a, hu a mihu wo no ma me anigye.