Add parallel Print Page Options

Mmoa mpaebɔ

142 Misu frɛ Awurade sɛ ɔmmoa me; mesrɛ no. Meka me nsɛm nyinaa kyerɛ no; meka me haw nyinaa kyerɛ no. Sɛ mereyɛ apa abaw a, onim nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Ɔkwan a menam so no m’atamfo asum me firi wɔ so. Sɛ mehwɛ me ho a, minhu ɔboafo biara; ɔbanbɔfo nso nni hɔ. Obiara nso nhwɛ me. Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me; wo Awurade, wone me hwɛfo. Wone nea ne ho hia me wɔ m’asetena nyinaa mu.

Tie me sufrɛ na boa me efisɛ, m’aba mu abu. Gye me fi m’atamfo nsam efisɛ, wɔyɛ den ma me dodo. Yi m’awerɛhow fi me so na esiane papa a woayɛ me nti, mɛkamfo wo wɔ wo nkurɔfo gua a wɔabɔ mu.