Add parallel Print Page Options

Enti meyɛɛ m’adwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhow. Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhow a, hena na ɔbɛkyekye me werɛ? Mo ara a mahyɛ mo awerɛhow no anaa? Saa nti na mekyerɛw saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa koro no ara a mubegye m’ani no nkyɛn bɛhyɛ mo awerɛhow. Minim yiye sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo.

Mede amanehunu, awerɛhow ne nisu na ɛrekyerɛw mo saa krataa yi. Mankyerɛw mammɛhyɛ mo awerɛhow na mmom mekyerɛw de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa.

Bɔne fafiri

Sɛ obi ahyɛ afoforo awerɛhow a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhow no na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhow no, efisɛ, mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so. Asotwe a dodow no ara bɛtwe no no dɔɔso ma no. Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekye ne werɛ sɛnea ɛbɛyɛ a awerɛhow nhyɛ no so. Mesrɛ mo, momma onhu sɛ mopɛ n’asɛm pa ara.

Hena na oye ma saa dwumadi yi?

Nea enti mekyerɛw mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mihu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, mudi so anaa. 10 Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede kyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo nti na meyɛ saa wɔ Kristo anim 11 sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbonsam rennya yɛn ho kwan, efisɛ, yenim ne nsusuwii.

12 Bere a miduu Troa kɔkaa Asɛmpa no, mihui sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho kwan wɔ hɔ. 13 Nanso me werɛ howee, efisɛ, na minhu yɛn nua Tito. Enti mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na misiim mekɔɔ Makedonia.

14 Yɛda Onyankopɔn ase sɛ daa ɔto yɛn santen wɔ anigye ne nkonimdi mu ma yeyi hua a ɛyɛ huam. Onyankopɔn nam yɛn so ma Kristo ho asɛm trɛw kɔ baabiara sɛ aduhuam. 15 Yɛte sɛ aduhuam a Kristo de ama Onyankopɔn a ɛtrɛw kɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera mu. 16 Na wɔn a wɔreyera no de, ɛyɛ wɔn hua bɔne a etumi kum. Nanso wɔn a wɔregye wɔn nkwa no, ɛyɛ ade a ɛyɛ huam a ɛma wɔn nkwa. Hena na obetumi agyina adwuma a ɛyɛ den sɛɛ anim? 17 Yɛnte sɛ nnipa afoforo bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm sɛ adetɔnne bi a ne bo yɛ mmerɛw na esiane sɛ Onyankopɔn asoma yɛn no nti, yɛka nokware wɔ n’anim sɛ Kristo asomfo.