Add parallel Print Page Options

Dwuma a Paulo di maa Amanamanmufo

Eyi nti, me Paulo a mo Amanamanmufo nti, meyɛ Kristo Yesu deduani no, bɔ mpae srɛ Onyankopɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ moate sɛ mo yiyeyɛ nti na Onyankopɔn nam n’adom so de saa adwuma yi ama me sɛ menyɛ no. Onyankopɔn daa n’ahintasɛm no adi kyerɛɛ me. Makyerɛw asɛm tiaa bi afa eyi ho, na sɛ mokenkan nea makyerɛw no a, mobɛte me Kristo ahintasɛm no ase. Mmere bi a atwam no, na wɔnka saa ahintasɛm yi nkyerɛ nnipa nanso afei Onyankopɔn nam Honhom no so ada ahintasɛm no adi akyerɛ n’asomafo ne n’adiyifo kronkron no.

Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ Amanamanmufo wɔ kyɛfa wɔ adedi koro no mu te sɛ Yudafo a wɔyɛ nipadua koro de no na wɔnam Asɛmpa no so ahyɛ wɔn bɔ koro no ara bi wɔ Kristo Yesu mu. Onyankopɔn nam n’adom akyɛde bi so yɛɛ me Asɛm no ho somfo a efi ne tumi mu.

Ɛwom sɛ me ne aketewa pa ara wɔ nkumaa no mu nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a enni awiei no ho nkyerɛ Amanamanmufo na yɛmma nnipa nyinaa nhu ɔkwan a wɔbɛfa so de Onyankopɔn ahintasɛm no adi dwuma. Onyankopɔn a ɔyɛ ɔbɔadeɛ no koraa ahintasɛm no so mfe bebree 10 sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnnɛ yi wɔnam asafo, abɔfo, ɔsoro atumfo so behu Onyankopɔn nimdeɛ no nyinaa. 11 Onyankopɔn nam yɛn Awurade Kristo Yesu so fi ne botae a enni awiei no mu na edii dwuma no wiei.

12 Yɛne no ka bom a, yɛnam gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no so betumi asi yɛn bo akɔ anim.

13 Mesrɛ mo, mommma mo bo nntu, efisɛ, merehu amane ma mo. Mo na mubenya ho mfaso. 14 Eyi nti, mibu nkotowde wɔ Agya no 15 a ɔsoro ne fam abusua biara nya ne din fi no no anim. 16 Mibisa sɛ omfi n’anuonyam dodow no mu mfa ne Honhom no so nhyɛ mo mu den, 17 sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo nam gyidi so bɛtena mo koma mu. Mebɔ mpae sɛ mobɛto ɔdɔ fapem 18 sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa benya tumi ate Kristo dɔ a ɛkorɔn no ase 19 na moahu Kristo dɔ a ɛtra adwene no, na moayɛ ma wɔ Onyankopɔn mu.

20 Na nea otumi yɛ ma ɛtra ade nyinaa ma ɛboro so kyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw sɛnea tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no te no, 21 ɔno na Kristo Yesu mu, anuonyam nka no asafo no mu mfa nkɔ beresanten a ɛbɛba awo ntoatoaso nyinaa mu. Amen.