Add parallel Print Page Options

Petro ne Kornelio

10 Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafo bi a wɔn din de Italia asraafodɔm no so panyin. Na ɔne ne fifo nyinaa yɛ Nyamesurofo. Ɔyɛ obi nso a na ɔboa ahiafo na daa ɔbɔ mpae. Da bi awia bɛyɛ nnɔn abiɛsa no, ohuu Onyankopɔn bɔfo wɔ anisoadehu mu sɛ waba ne nkyɛn abɛfrɛ no se, “Kornelio!”

Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Obisae se, “Asɛm bɛn, Awurade?” Ɔbɔfo no buae se, “Wo mpae ne w’adɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade. Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.

Ɔbɔfo no kasa kyerɛɛ no wiei a ɔkɔe no, Kornelio frɛɛ n’asomfo baanu, san frɛɛ n’asraafo no mu baako a ɔyɛ Nyamesuroni kaa wɔn ho, kaa biribiara a wahu no kyerɛɛ wɔn, somaa wɔn Yopa.

Ade kyee a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinae a wɔrebɛn kurow no no, Petro kɔɔ ɔdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpae. 10 Saa bere no, ɔkɔm dee no; na wogu so reyɛ aduan ama no no, ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeso mu. 11 Ohui sɛ ɔsoro abue, na biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere n’afanan fi soro resian ba fam. 12 Na ntɔteboa ahorow ne mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa ahyɛ saa ntama no ma.

13 Afei nne bi ka kyerɛɛ no se, “Petro, sɔre na kum bi we!”

14 Petro buae se, “Dabida, Awurade, minnii biribiara a ɛho ntew da.”

15 Nne no ka kyerɛɛ no bio se, “Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.”

16 Saa anisoadehu yi bae mprɛnsa. Afei ntama no san kɔɔ soro. 17 Saa bere a na Petro redwennwene anisoadehu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no kɔduu Petro abobow ano. 18 Wɔfrɛ bisae se, “Saa ofi yi mu na Simon Petro te anaa?”

19 Petro gu so redwennwene anisoadehu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no se, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. 20 Sian si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, efisɛ, me na masoma wɔn.”

21 Petro sian kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene onipa a morehwehwɛ no no na mo amanneɛ?”

22 Nnipa no buaa no se, “Yefi asraafo panyin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni ne Onyamesuroni a Yudafo nyinaa bu no. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no se ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fi na ontie asɛm bi mfi wo nkyɛn.”

23 Petro gyee nnipa no som wɔn hɔho. Ade kyee no, Petro ne nnipa no ne gyidifo bi a wofi Yopa bɔɔ anan kɔe.

Petro kɔ Kornelio fi

24 Ade kyee a oduu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ n’abusuafo ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no. 25 Petro reyɛ awura ofie hɔ no, Kornelio hyiaa no buu no nkotodwe.

26 Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɔre, efisɛ, me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.”

27 Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wowuraa ofi no mu kɔtoo nnipa bebree.

28 Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara munim pefee sɛ Yudafo mmara mma Yudani kwan sɛ ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka se onipa bi ho ntew. 29 Eyi nti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei kyerɛ me nea enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”

30 Kornelio kae se, “Nnɛ ne nnanan awia nnɔn abiɛsa a merebɔ mpae wɔ me fi no, mihui sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn gyina m’anim. 31 Ɔkae se, ‘Kornelio, wo mpaebɔ ne w’adɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade. 32 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn’. 33 Mesoma ma wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ ade sɛ woaba. Mprempren, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebetie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.”

Petro asɛnka

34 Petro fii ase kasae se, “Afei mahu sɛ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, 35 na mmom, ɔman biara mu, nea ɔyɛ ade trenee no, ogye no. 36 Munim asɛmpa a ɛfa asomdwoe ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfo no. 37 Munim nsɛm a esisii wɔ Yudea, a efii ase wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi. 38 Munim sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasaretni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no nti, ɔkɔɔ mmeaemmeae, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yare.

39 Yɛyɛ dwuma a odii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho adansefo. Wɔbɔɔ no asɛnnuam, kum no. 40 Nanso ne nnansa so no, Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu ma oyii ne ho adi. 41 Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ adansefo a Onyankopɔn ayi yɛn dedaw no. Ɔsɔre fii awufo mu no, yɛne no didi nomee. 42 Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka Asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yenni ne ho adanse sɛ, ɔno ne nea Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ommu ateasefo ne awufo atɛn no. 43 Adiyifo nyinaa kaa ne ho asɛm se, wɔnam ne din so de obiara a ogye no di no bɔne befiri no.”

Amanamanmufo nya Honhom Kronkron

44 Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. 45 Yudafo gyidifo a wɔne Petro fi Yopa bae no ho dwiriw wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie n’akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu Amanamanmufo no nso so. 46 Efisɛ, wɔtee sɛ wɔreka kasa foforo reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho. 47 Petro kae se, “Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛnea yɛn nso yenyaa bi no. Obi betumi asiw wɔn asubɔ ho kwan anaa?” 48 Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu. Afei wɔsrɛɛ no sɛ onni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn.